Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 5:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 AWURADE, tie me nne anɔpa, anɔpa na masiesie mama woɔ, na mɛhwɛ wo kwan.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 AWURADE, tie me nne anɔpa, anɔpa na masiesie mama woɔ, na mɛhwɛ wo kwan.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Awurade, wote me nne anɔpa; anɔpa, mede mʼadesrɛ ba wʼanim na mede anidaso twɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ao, Awurade, wote me nne anɔpa; anɔpa, mede mʼadesrɛ ba wʼanim na mede anidasoɔ twɛn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 AWURADE, tie me nne anɔpa, anɔpa na mesiesie mama wo, na mɛhwɛ wo kwan.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 5:3
15 Referencias Cruzadas  

sɛ wɔbɛma mmɔborɔni sufrɛ aduru ne nkyɛn, na wate amanehunufoɔ sufrɛ.


Metua anɔpahema meteam, m’ani da w’asɛm so.


AWURADE, tie me nne, wɛn w’aso tie me nkotosrɛ.


Me kra twɛn AWURADE sene awɛmfoɔ a wɔtwɛn adekyeeɛ, sene awɛmfoɔ a wɔtwɛn adekyeeɛ.


Mɛma wo so, me Nyankopɔn, ɔhene, na mɛhyira wo din daa daa.


Me Nyankopɔn, meteam mefrɛ wo awia, na wommua me, ne anadwo, nso mennya ɔhome.


Wo so na yɛnam sum ahohiahiafoɔ guo, wo din mu na yɛtiatia wɔn a wɔsɔre tia yɛn no soɔ.


Anwummerɛ ne anɔpa ne awigyina na mɛdwene me tirim na masi apini, na ɔbɛte me nne.


AWURADE, gye me so, na w’adɔeɛ yɛ, dane w’ani kyerɛ me, sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu bebree no teɛ.


Nanso Onyankopɔn ne me hene firi teteete, ɔyɛ ɔgyeɛ adwuma asase so.


Nhyira ne wɔn a wɔte wo fie, wɔbɛkɔ so ayi wo ayɛ.


Na me deɛ, wo, AWURADE, na mesu mefrɛ, na me mpaebɔ tua wo nhema.


Me kra ani gyina wo anadwo, aane, me mu honhom nso, mede mefe wo, na sɛ w’atemmuo ka asase a, wiasefoɔ sua tenenee.


Wotee me nne; nsi w’aso wɔ m’ahomeguo ne me sufrɛ ho.


Na ɔsɔree ahemadakye firii adi, na ɔkɔɔ ɛserɛ so baabi kɔbɔɔ mpaeɛ wɔ hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios