Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 49:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Wɔn tirim ne sɛ wɔn adan bɛtena hɔ daa, na wɔn afie atena hɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so; wɔde wɔn din toto wɔn nsase.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Wɔn tirim ne sɛ wɔn adan bɛtena hɔ daa, na wɔn afie atena hɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so; wɔde wɔn din toto wɔn nsase.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Wɔn nna bɛyɛ wɔn afi afebɔɔ, wɔn atenae wɔ awo ntoatoaso bere a enni awiei mu, ɛmfa ho sɛ wɔde wɔn din atoto nsase so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Wɔn adamena bɛyɛ wɔn afie afebɔɔ. Ɛhɔ na wɔbɛtena awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi ɛberɛ a ɛnni awieeɛ mu, wɔn din a wɔde totoo nsase so nyinaa akyi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Wɔn tirim ne sɛ wɔn adan bɛtena hɔ daa, na wɔn afi atena hɔ akosi awo ntoatoaso so; wɔde wɔn din toto wɔn nsaase.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 49:11
13 Referencias Cruzadas  

Na Kain ne ne yere dae, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo Henok. Na ɔkyekyeree kuro bi, na ɔde ne ba Henok din too kuro no.


Nso Absalom te aseɛ no, ɔsii nkaeɛ dum bi a ɛwɔ ɔhene bonhwa mu fae, a ɔkaa sɛ: Menni ɔbabarima a wɔde no bɛkae me din. Na ɔde ne din too odum no, na wɔfrɛ no Absalom nsɛnkyerɛnneɛ de bɛsi nnɛ.


Ɔse no n’akomam sɛ: Merenhinhim da, daa nyinaa merenhyia amaneɛ biara.


Na afei, AWURADE, ɛdeɛn na meretwɛn? Wo so na m’ani da.


Na wɔn anomu nni nokwasɛm bi, wɔn yam wɔ mmusuo, wɔn menewa yɛ ɛda a abue, na wɔde wɔn tɛkyerɛma dɛfɛdɛfɛ.


Wɔbɔre hwehwɛ amumuyɛ, wɔawie wɔn tirim pɔ no, wɔabɔre abɔre, na onipa tirim ne n’akomam dɔ.


Onipa nyansafoɔ nim faako a ɔrekorɔ, na ɔkwasea deɛ, esum mu na ɔnanteɛ. Nanso mehunuu nso sɛ asiane korɔ no ara na ɛsiane wɔn nyinaa.


Ɛfiri sɛ ɛtɔ da a, ɛsɛ sɛ obi a ɔde ne nyansa, n’adwene ne ne nimdeɛ abrɛ ayɛ adwuma no, ɔgya ne nyinaa hɔ ma deɛ wammrɛ bɛfa: Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne adebɔne kɛseɛ.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Na ɛda no, nsɛm bi bɛsɔre w’akomam na woadwene adwemmɔne,


Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Afei mo Farisifoɔ deɛ, mohohoro kuruwa ne ayowa ho; na mo mu deɛ, amim ne nnebɔne ahyɛ mu ma.


Enti sakyera w’adwene firi wo bɔne yi ho, na srɛ Onyankopɔn sɛ ebia wɔde w’akoma mu adwene no bɛkyɛ wo.


Manase ba Yair faa Argob asase no nyinaa a ɛne Basan kɔsii Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ hyeɛ so, na ɔde ne din too asase no frɛɛ no Hawot-yair de bɛsi nnɛ da yi.)


Na Samuel tuaa nhema sɛ ɔrekɔhyia Saulo anɔpa; na wɔka kyerɛɛ Samuel sɛ: Saulo aba Karmel, na hwɛ, wasi ne nkaeɛ dum, na wadane ne ho atwam asiane rekɔ Gilgal.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios