Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 48:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 sɛ saa Nyankopɔn yi yɛ yɛn Nyankopɔn daa daa, ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfoɔ de akɔsi owuo mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 sɛ saa Nyankopɔn yi yɛ yɛn Nyankopɔn daa daa, ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfoɔ de akɔsi owuo mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Saa Onyankopɔn yi yɛ yɛn Nyankopɔn daa daa; ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfo akosi awiei mpo. Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Saa Onyankopɔn yi yɛ yɛn Onyankopɔn daa daa; mpo ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfoɔ akɔsi awieeɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 sɛ saa Onyankopɔn yi yɛ yɛn Nyankopɔn daa daa, ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfo de akosi wu mu.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 48:14
13 Referencias Cruzadas  

Na woasiesie wo man Israel afa de wɔn ayɛ wo man kɔsi daa, na wo AWURADE, woayɛ wɔn Nyankopɔn.


Mese AWURADE sɛ: M’Awurade ne wo, menni papa biara nka wo ho.


Ɔma ahobrɛasefoɔ nante tenenee mu, na ɔma ahobrɛasefoɔ sua ne kwan.


Na me deɛ, wo, AWURADE, so na mede me ho matoɔ. Mese: Wone me Nyankopɔn.


Onyankopɔn, nkɔkoraaberɛ ne ɛdwono mu nso mpa me, kɔsi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm makyerɛ nkyirimma, na maka wo mmaninyɛ makyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.


Wonam w’atirimpɔ so kyerɛkyerɛ me kwan, na akyire yi no, woagye me akɔ animuonyam mu.


Ma me honam ne m’akoma nwie sa, Onyankopɔn ne m’akoma botan ne me kyɛfa daa.


Tenenee tempɔn mu na menam, atemmuo akwan so pɛ,


Na AWURADE bɛkyerɛ wo kwan daa nyinaa, na ɔde nnepa amee wo kra, na wahyɛ wo nnompe mu den, na woayɛ sɛ turo a nsuo sene wɔ mu ne nsuo aniwa a emu nsuo nni hwammɔ.


Mede yei mehyɛ m’akoma mu, yei ho na mɛtwɛn ara:


na sɛ nnanu, sɛ bosome, sɛ nna bebree, na mununkum no di tenabea no so a na ɛsi so ara a, Israelfoɔ no tena nsram na wɔntu; na sɛ ɛma ne ho so a, na wɔtuo.


Na sɛ ɔno, nokorɛ Honhom no, nya ba a, ɔbɛkyerɛ mo kwan akɔ nokorɛ no nyinaa mu. Na ɛmfiri ɔno ara ne mu na ɔbɛkasa, na biribiara a ɔbɛteɛ no, ɔbɛka, na ɔbɛkyerɛ mo nnoɔma a ɛreba.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios