Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 45:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Wo ho yɛ fɛ sene nnipa mma, wɔde adom ahyɛ w’anomu ma. Enti na Onyankopɔn ahyira wo daa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Wo ho yɛ fɛ sene nnipa mma, wɔde adom ahyɛ w’anomu ma. Enti na Onyankopɔn ahyira wo daa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Wudi mu koraa wɔ mmarima mu na wɔde adom bi asra wʼano, esiane sɛ Onyankopɔn ahyira wo afebɔɔ no nti.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Wodi mu wɔ mmarima mu na wɔde adom bi asra wʼano, ɛsiane sɛ Onyankopɔn ahyira wo afebɔɔ no enti.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Wo ho yɛ fɛ sen nnipa mma, wɔde dom ahyɛ w’anom ma. Enti na Onyankopɔn ahyira wo daa.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 45:2
19 Referencias Cruzadas  

Aane, wode no asi hɔ sɛ nhyira nko ara daa, wode w’anim anigyeɛ gye n’ani.


Deɛ ɔdɔ akoma mu teɛ na n’anomu kasa yɛ dɛ no, n’adamfo ne ɔhene.


na woahwɛ adwempa so, na w’ano akora nimdeɛ.


Me dɔfoɔ da mmeranteɛ ntam sɛ aprɛ a ɛwɔ kwaeɛ mu nnua ntam, mede anigyeɛ kɛseɛ tenaa ne nwunu ase, na n’aba yɛ me dodom dɛ.


W’ani bɛhunu ɔhene n’ahoɔfɛ mu, ɛbɛhunu asase a ɛtrɛ tɛtrɛtɛ.


AWURADE Nyankopɔn ama me asuafoɔ tɛkyerɛma, sɛ menhunu sɛdeɛ mede asɛm bɛwowa deɛ wabrɛ; ɔnyane me daa anɔpa, ɔbue m’aso ma me, sɛ memfa mentie sɛ asuafoɔ.


AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ AWURADE asra me ngo sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufoɔ; wasoma me sɛ memmɛkyekyere wɔn a wɔn akoma abubuo werɛ, mempae ahofadie menkyerɛ nnommum ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfoɔ,


Na ne yie ne sɛn, na n’ahoɔfɛ ne sɛn? Aduane bɛma mmeranteɛ ayɛ tokotokoo na nsamono nso ama mmabaa ayɛ saa ara.


Na ɔsakyeraa wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntadeɛ yɛɛ fitaa sɛ hann.


Na wɔn nyinaa dii no adanseɛ, na adom nsɛm a ɛfiri n’anomu no yɛɛ wɔn nwanwa, na wɔbisaa sɛ: Ɛnyɛ Yosef ba no ni anaa?


Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛsoeɛɛ yɛn mu, na yɛhunuu n’animuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ animuonyam, na adom ne nokorɛ ayɛ no ma.


Asomfoɔ no buaa sɛ: Onipa biara nkasaa sɛ onipa yi da.


Na ɔsɔfo panin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panin yi a ne ho teɛ, ɔnni bɔne, ne ho nni nkekaeɛ, wɔayi no afiri nnebɔneyɛfoɔ ho, na wɔama no so akyɛne soro.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios