Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 44:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Wode yɛn maa sɛ nnwan a wɔdie, na woabɔ yɛn ahwete amanaman mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Wode yɛn maa sɛ nnwan a wɔdie, na woabɔ yɛn ahwete amanaman mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Wuyii yɛn maa sɛ wonkum yɛn sɛ nguan na woahwete yɛn wɔ amanaman no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Woyii yɛn maa sɛ wɔnkum yɛn sɛ nnwan na woahwete yɛn wɔ amanaman no mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Wode yɛn mae sɛ nguan a wodi, na woabɔ yɛn ahwete amanaman mu.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 44:11
13 Referencias Cruzadas  

Hosea afe a ɛtɔ so nkron mu na Asiriahene faa Samaria, na ɔtuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔduaa Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkuro mu.


na wabɔ wɔn asefoɔ agu amanaman mu, na wapansam wɔn, nsase so.


Enti omumuyɛfoɔ biara nni hɔ a ɔwɔ nimdeɛ, wɔn a wɔdi me man sɛdeɛ wɔdi aduane, na wɔnsɔre AWURADE?


Onyankopɔn, woasum yɛn agu, woabɔ yɛn apansam, wo bo afu; ma yɛn ho mmra yɛn ho bio.


Nanso wo, AWURADE, wonim me; wohu me; na wosɔ m’akoma hwɛ, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ wo fam. Tutu wɔn sɛ nnwan a wɔrekɔku wɔn, na hyira wɔn so sie ma okum da.


Hwɛ, me ara mɛboa wɔn ano afiri nsase a m’abufuo ne m’abufuhyeɛ ne anibereɛ kɛseɛ mu mesunsumm wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa so, na mede wɔn asane aba ha bio, na mama wɔatena ase dwoodwoo,


Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwehwɛ ne nnwankuo akyiri kwan da a ɔwɔ ne nnwan a wɔabɔ apete no mu no, saa ara na mɛhwehwɛ me nnwan akyiri kwan, na mɛyi wɔn afiri deɛ wɔapansam wɔn korɔ nyinaa, mununkum ne sum kabii da no.


Na wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano, na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa so. Na wiase amanaman bɛtiatia Yerusalem so de akɔsi sɛ amanaman no berɛ bɛwie duro.


Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Wo nti wɔku yɛn daa nyinaa; wɔbu yɛn sɛ nnwanten a wɔrebɛku wɔn.


Na AWURADE bɛbɔ wo ahwete aman nyinaa mu afiri asase ano akɔsi asase ano, na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforɔ a wo ne wo nananom nni wɔn a ɛyɛ nnua ne aboɔ;


Na AWURADE bɛpansam mo agu amanaman mu, na ɛbɛka mo mu kakraa bi wɔ wiase aman a AWURADE de mo bɛkɔ hɔ no mu;


Na AWURADE bo fuu Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ afomfafoɔ nsa na wɔfom wɔn fae, na ɔtɔnee wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsa, na wɔantumi annyina wɔn atamfoɔ anim bio.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios