Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 43:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na wone me dwane kɔtoa Nyankopɔn, adɛn nti na woto me twene? Adɛn nti na ɔtamfoɔ hyɛ a ɔhyɛ me soɔ nti memfa awerɛhoɔ mennanteɛ?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na wone me dwane kɔtoa Nyankopɔn, adɛn nti na woto me twene? Adɛn nti na ɔtamfoɔ hyɛ a ɔhyɛ me soɔ nti memfa awerɛhoɔ mennanteɛ?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Woyɛ Onyankopɔn, mʼabandennen. Adɛn nti na woapo me? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ menantenantew twa adwo mʼatamfo nhyɛso nti?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Woyɛ Onyankopɔn, mʼabandenden. Adɛn enti na woapo me? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menantenante twa adwo mʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na wone me guantoa Nyankopɔn, adɛn nti na wotow me kyene? Adɛn nti na ɔtamfo hyɛ a ɔhyɛ me so nti memfa awerɛhow mennantew?

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 43:2
17 Referencias Cruzadas  

Na wo, me ba Salomo, hunu w’agya Onyankopɔn no, na fa w’akoma nyinaa ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE peepee akoma nyinaa mu, na ɔhunu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no; na sɛ wogyaa no a, ɔbɛto wo atwene koraa.


Ao, AWURADE, me Wura, me nkwagyeɛ ahoɔden, wokataa me tiri so wɔ ɔko da mu.


AWURADE ne m’ahoɔden ne me kyɛm. Mede m’akoma mato ne so, na waboa me, enti m’akoma ho asane no, na mede me dwom meda no ase.


Wobɛyi me afiri afidie a wɔahunta asum me no mu, na wo ara ne m’aban a ɛyɛ den.


Ahohora a m’ahohiahiafoɔ bɔ me no yɛ me sɛ me nnompe redwerɛ, sɛ daa wɔbisa me sɛ: Wo Nyankopɔn wɔ he?


Mɛbisa me Nyankopɔn ne me botan no, sɛ: Adɛn nti na wo werɛ afiri me? Adɛn nti na ɔtamfoɔ hyɛ a ɔhyɛ me soɔ nti memfa awerɛhoɔ mennanteɛ?


Nanso woato yɛn agu, na woabɔ yɛn ahohora, na wo ne yɛn dɔm ankɔ.


Nto me ntwene nkɔkoraaberɛ, na sɛ m’ahoɔden sa a, nnya me.


AWURADE bɛto atwene daa, na ɔrennom bi bio anaa?


Meyɛ mmɔborɔni, na mereyɛ mawu firi me mmɔfraase, wo ho hu akuta me, na metɔ ntintan.


Na AWURADE rento ne man ntwene, na ɔrennya n’agyapadeɛ,


M’ahoɔden ne me dwontoɔ ne AWURADE, na wayɛ me nkwagyeɛ. Ɔno ne me Nyankopɔn, na mɛkamfo no. Ɔyɛ m’agya Nyankopɔn, na mɛma no so.


na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no deɛ, wɔbɛnya ahoɔden foforɔ, wɔde ntaban bɛforo sɛ akɔdeɛ, wɔbɛtu mmirika, na wɔmmrɛ, wɔbɛnante, na wɔnntɔ piti.


Wɔbɛka me ho asɛm sɛ, AWURADE mu nko ara na tenenee ne ahoɔden wɔ; ne nkyɛn na wɔbɛba, na wɔn a wɔn bo afu no nyinaa ani bɛwu.


Na mɛhyɛ wɔn den, AWURADE mu, na ne din mu na wɔbɛnanteɛ, AWURADE asɛm nie.


Deɛ ɛdi akyire no, momma mo ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu.


metumi ade nyinaa yɛ, deɛ ɔhyɛ me den no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios