Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 42:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 ne me Nyankopɔn. Me kra aboto wɔ me mu, enti mekae wo, Yordan ne Hermon mmepɔ asase so, Misar bepɔ so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 ne me Nyankopɔn. Me kra aboto wɔ me mu, enti mekae wo, Yordan ne Hermon mmepɔ asase so, Misar bepɔ so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Me kra abotow wɔ me mu, enti mɛkae wo fi Yordan asase so, Hermon mmepɔw so, fi Bepɔw Misar so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Me kra aboto wɔ me mu enti mɛkae wo firi Yordan asase so, Hermon mmepɔ so, firi Bepɔ Misar so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Me kra abotow wɔ me mu, enti mekae wo, Yordan ne Hermon mmepɔw asase so, Misar bepɔw so.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 42:6
14 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Dawid ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no nyinaa sɔre kɔtwaa Yordan no; adeɛ kyee anɔpa no, na wɔn mu baako mpo nkae a ɔnnya ntwaa Yordan.


Na Dawid duruu Mahanaim no, Nahas ba Sobi a ɔfiri Amonfoɔ Raba, ne Amiel ba Makir a ɔfiri Lo-debar, ne Gileadni Barsilai a ɔfiri Rogelim no


Ɛte sɛ Hermon bosuo a ɛsiane gu Sion mmepɔ soɔ, na ɛhɔ na AWURADE ahyɛ nhyira, aane, nkwa de kɔsi daa.


Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, deɛn nti na woagya me? Me su a mesu mefrɛ woɔ ne me nkwagyeɛ ntam ware.


Na makɔ Nyankopɔn afɔrebukyia ho, m’ahurisie anigyeɛ Nyankopɔn nkyɛn, na mede sankuo mada wo ase, Onyankopɔn, me Nyankopɔn.


Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ, na wosi apini wɔ me mu? Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ ne me Nyankopɔn.


Mefiri asase ano mesu mefrɛ wo m’akoma ahometeɛ mu, wode me bɛkɔ ɔbotan a ɛware sene me so.


Me kra tɔɔ me mu piti no, mekaee AWURADE, na me mpaebɔ duruu wo nkyɛn, aane w’asɔrefie kronkron hɔ.


Na ɔkɔɔ n’anim kakra de n’anim kɔbutuu fam bɔɔ mpaeɛ sɛ: M’agya, sɛ ɛbɛtumi a, ma kuruwa yi nsiane me ho nkɔ! Nanso ɛnyɛ sɛdeɛ mepɛ, na sɛdeɛ wopɛ.


Na ɛbɛyɛ sɛ nnɔnmmiɛnsa no, Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Eli, Eli, lama sabaktani? Ɛne sɛ: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagya me?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios