Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 34:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 AWURADE akronkronfoɔ, monsuro no! na biribiara remmɔ wɔn a wɔsuro no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 AWURADE akronkronfoɔ, monsuro no! na biribiara remmɔ wɔn a wɔsuro no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Munsuro Awurade, mo a moyɛ nʼahotefo, na wɔn a wosuro no no nhia hwee.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Monsuro Awurade, mo a moyɛ nʼahotefoɔ, na wɔn a wɔsuro noɔ no nhia hwee.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 AWURADE akronkronfo, munsuro no! Na biribiara remmɔ wɔn a wosuro no.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 34:9
13 Referencias Cruzadas  

Na ɔse: Mfa wo nsa nka abarimaa no, nso nyɛ no hwee. Afei na mahunu sɛ wosuro Onyankopɔn, na woankame me wo ba korɔ no.


Momfa nidie mapa mma no, na ne bo amfu, na moanyera ɔkwan mu; na aka kakra na n’abufuo adɛ. Nhyira ne wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa.


Mo a mosuro AWURADE, monyi no ayɛ. Yakob asefoɔ nyinaa, monhyɛ no animuonyam, na Israel asefoɔ nyinaa, momfɛre no.


AWURADE ne me hwɛfoɔ, hwee renhia me.


Monnɔ AWURADE, mo a moyɛ n’ahotefoɔ nyinaa. AWURADE hwɛ wɔn a wɔdi nokorɛ so, na ɔtua deɛ ɔdi ahantansɛm no ka ma no boro so.


Onyankopɔn a ne ho yɛ hu, akronkronfoɔ dwabɔ kɛseɛ no mu, na wɔsuro no sene wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.


Akyire yi no Israel mma bɛsane abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n’adɔeɛ ho, nna a ɛdi akyire no mu.


Deɛ wankame yɛn ɔno ara ne ba, na mmom yɛn nyinaa nti ɔyii no maeɛ no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔremfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn?


Na me Nyankopɔn bɛma mo deɛ ɛhia mo nyinaa, sɛdeɛ n’ahonya no teɛ, animuonyam mu, Kristo Yesu mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios