Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 34:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Wɔn a wɔhwɛɛ no no anim tee, na wɔn anim angu ase.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Wɔn a wɔhwɛɛ no no anim tee, na wɔn anim angu ase.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔn a wɔhwɛ nʼanim no hyerɛn na wɔn anim rengu ase da.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔn a wɔhwɛ nʼanim no hyerɛn na wɔn anim rengu ase da.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Hwɛ no, na nya anim tew, na w’anim angu ase.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 34:5
17 Referencias Cruzadas  

Na Yoab baa ɔhene nkyɛn efie, na ɔkaa sɛ: Woahyɛ wo nkoa a ɛnnɛ wɔagye wo kra, wo mmammarima, wo mmammaa kra, wo yerenom kra ne wo mpenafoɔ kra no nyinaa aniwuo nnɛ,


Yudafoɔ no nyaa nkwa ne anigyeɛ ne ahosɛpɛ ne anidie.


Hwɛ na gye me so, AWURADE, me Nyankopɔn, te m’ani, na manna owuo nna,


Da a mesu mefrɛeɛ no, wogyee me so, wohyɛɛ me den maa me kra nyaa ahoɔden.


Na wo na woma me kanea derɛ, AWURADE me Nyankopɔn te me sum mu.


Ampa ara, wɔn a wɔhwɛ wo kwan no biara ani renwu, wɔn a wɔtwa nkontompo kwa no na wɔn ani bɛwuo.


Mekɔdae na medae; manyane, na AWURADE kura me mu.


Ɛfiri sɛ wo nkyɛn na nkwa nsutire wɔ, wo hann mu na yɛhunu hann.


na frɛ me hiada mu, na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.


Deɛ ɔde aseda bɔ afɔdeɛ no hyɛ me animuonyam, na deɛ n’akwan teeɛ no, mɛkyerɛ no Nyankopɔn nkwagyeɛ.


AWURADE, ma wɔn ani nwu, na wɔmmisa wo din akyiri kwan.


Wɔde hann agu ama ɔteneneeni, ne anigyeɛ ama akoma mu teefoɔ.


Monnane mo ho mmra me nkyɛn na wɔnnye mo nkwa, mo asase ano nyinaa. Na mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio.


Ɛno na wobɛhunu, na w’anim ate, w’akoma de ahosɛpɛ bɛdi ahurisie, ɛfiri sɛ ɛpo ahonyadeɛ dodoɔ redane abɛyɛ wo deɛ, amanaman ahodeɛ reba wo nkyɛn.


nhwɛ gyidie mu kannifoɔ ne ne wiefoɔ Yesu a ɔhwɛɛ anigyeɛ a ɛda n’anim too ne bo ase hunuu asɛnnua amaneɛ, na wammu aniwuo, na wakɔtena Nyankopɔn ahennwa nifa.


Ɛnna Dawid ne ne mmarima a wɔbɛyɛ ahansia no sɔre firii Keila, na wɔkɔɔ baabiara a wɔbɛtumi akorɔ. Na wɔkɔka kyerɛɛ Saulo sɛ Dawid adwane afiri Keila no, ɔgyaee n’akyiridie.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios