Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 34:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 AWURADE ani sa nnebɔneyɛfoɔ, sɛ ɔbɛhye wɔn ase, asase so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 AWURADE ani sa nnebɔneyɛfoɔ, sɛ ɔbɛhye wɔn ase, asase so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Awurade ani sa wɔn a wɔyɛ bɔne, sɛ obeyi wɔn nkae afi asase yi so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Awurade ani sa wɔn a wɔyɛ bɔne, sɛ ɔbɛyi wɔn nkaeɛ afiri asase yi so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 AWURADE ani sa nnebɔneyɛfo, sɛ obegu wɔn ase, asase so.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 34:16
15 Referencias Cruzadas  

Ne nkaeɛ bɛsɛe afiri asase so, na ɔrennya din asase ani.


Ɔnyi n’ani mfiri ɔteneneeni so, na ɔma wɔne ahemfo tena adwa so daa, na wɔma wɔn so.


AWURADE ne hene daa daa, amanaman ayera afiri n’asase so.


Ɛnna asase hinhimiiɛ na ɛwosoeɛ, na mmepɔ nnyinasoɔ popoe, na ɛhinhimii, ɛfiri sɛ na ne bo ahuru no.


Hwɛ, AWURADE ani wɔ wɔn a wɔsuro no so, ɛwɔ wɔn a wɔn ani da n’adɔeɛ soɔ no so,


Deɛ ɔtɛ aso no, ɔrente asɛm, anaa deɛ ɔnwonoo ani no, ɔrenhunu adeɛ?


Ɔteneneeni nkaeɛ yɛ nhyira, na abɔnefoɔ din bɛporɔ.


AWURADE ne abɔnefoɔ ntam ware, na ateneneefoɔ mpaebɔ deɛ, ɔtie.


Na saa nso na mehunuu abɔnefoɔ a wɔsiee wɔn; na berɛ a na wɔte aseɛ no, na wɔdi kronkronbea hɔ ahyɛmfire na wɔkamfoo wɔn wɔ kuro a wɔdii bɔne wɔ mu no ara mu. Yei nso yɛ ahuhudeɛ.


AWURADE, Israel anidasoɔ, wɔn a wɔgya woɔ nyinaa ani bɛwuwu; wɔn a wɔsane firi m’akyire no, wɔbɛtwerɛ wɔn din, asase so, ɛfiri sɛ wɔagya nkwa asutire AWURADE.


Enti sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede m’ani masa mo na asi mo bɔne, na Yuda nyinaa ase ahye.


Na obiara a ɔfiri Israel fie anaa ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ wɔn mu no mu a ɔdi mogya biara no, mɛma m’ani asa saa ɔkra a ɔdi mogya no, na matwa no afiri ne man mu atwene.


Na mɛma m’ani asa mo, na moadi mo atamfoɔ anim nkoguo na wɔn a wɔkyiri mo ahyɛ mo so, na obi mpamo mo po a, moadwane.


na sɛ wɔkɔ nnommumfa mu, wɔn atamfoɔ anim a, ɛhɔ na mɛhyɛ afena na akunkum wɔn, na mede m’ani bɛhwɛ wɔn mama bɔne na ɛnyɛ papa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios