Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 34:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Mo mu hwan na ɔhwehwɛ nkwa, na ɔpɛ onyinkyerɛ sɛ ɔbɛhunu papa?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Mo mu hwan na ɔhwehwɛ nkwa, na ɔpɛ onyinkyerɛ sɛ ɔbɛhunu papa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Mo mu hena na ɔpɛ nkwa na ɔpɛ sɛ ohu nna pa bebree?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Mo mu hwan na ɔpɛ nkwa na ɔpɛ sɛ ɔhunu nna papa bebree?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Mo mu hena na ɔhwehwɛ nkwa, na ɔpɛ onyinkyɛ sɛ obehu papa?

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 34:12
16 Referencias Cruzadas  

Yakob mma, monhyia na montie, montie mo agya Israel!


Sɛ ɛnte saa a, ɛnneɛ tie me ara, yɛ komm, na menkyerɛ wo nyansa.


Kae sɛ me nkwa yɛ mframa, m’ani rensane nhunu papa.


Ɔbisaa wo hɔ nkwa, wode ama no, nna a ɛware daa daa.


Nnipa bebree bisa sɛ: Hwan na ɔbɛma yɛahunu papa? AWURADE, te w’anim ma no nhran yɛn so.


Mɛma no adi nkwa tentene amee, na mama no ahunu me nkwagyeɛ.


Me ba, tie me nsɛm, wɛn w’aso ma me kasa.


Na afei, me mma, montie me, na monyɛ aso mma m’anomu nsɛm.


Ampa ara nyansa mfitiaseɛ ne AWURADE suro, na ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne nhunumu.


Asɛm no awieeɛ, deɛ yɛateɛ nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na yei ne nnipa nyinaa asɛdeɛ.


Mepeepee m’akomam sɛ mede nsa bɛsɛpɛ me ho, na masɔ nkwaseasɛm mu ɛberɛ a mese meremma nyansa akyerɛ me kwan no. Na merepɛ ahunu sɛ ɛyɛ ma adasamma sɛ wɔbɛyɛ saa wɔ ɔsoro aseɛ, wɔn nkwa nna a ɛyɛ tia no mu.


nanso sɛ onipa biara didi nom hunu adepa ne brɛ nyinaa mu a, Nyankopɔn akyɛdeɛ ne no.


na dɔ AWURADE wo Nyankopɔn na tie ne nne na bata ne ho, ɛfiri sɛ ɛne wo nkwa ne wo nna dodoɔ, na woatena asase a AWURADE kaa wo nananom Abraham, Isak ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.


na woasuro AWURADE wo Nyankopɔn adi n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm a merehyɛ woɔ yi nyinaa so, wo ne wo ba ne wo ba ba, wo nkwa nna nyinaa, na wo nna aware.


me nso, ɛmpare me sɛ mɛgyae mo ho mpaebɔ de ayɛ AWURADE bɔne; na mɛkyerɛ mo kwan pa a ɛtene no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios