Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 33:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Ɔdɔ asɛntenenee ne atemmuo, AWURADE adɔeɛ ahyɛ asase so ma.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Ɔdɔ asɛntenenee ne atemmuo, AWURADE adɔeɛ ahyɛ asase so ma.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Awurade dɔ treneeyɛ ne atɛntrenee. Nʼadɔe a ɛnsa da no ahyɛ asase so ma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Awurade dɔ teneneeyɛ ne atɛntenenee. Nʼadɔeɛ a ɛnsa da no ahyɛ asase so ma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Ɔdɔ asɛntrenee ne atemmu, AWURADE adɔe ahyɛ asase so ma.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 33:5
11 Referencias Cruzadas  

AWURADE, sɛdeɛ wo nnwuma si dɔɔso fa, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔdeɛ ahyɛ asase so ma.


Na AWURADE yɛ ɔteneneeni, na ɔpɛ asɛntenenee, wɔn a wɔtene bɛhunu n’anim.


AWURADE, w’adɔeɛ ahyɛ asase ma, ma mensua w’ahyɛdeɛ.


Wodɔ tenenee, na wotane abɔnefosɛm, enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de anigyeɛ ngo asra woɔ sene wo mfɛfoɔ.


Ɔhene tumfoɔ a wodɔ atemmuo, wo na wobu atɛntenenee, Yakob mu atemmuo ne tenenee, wo na wobuo.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Mma onyansafoɔ nnhyehyɛ ne ho ne nyansa ho, na ɔhoɔdenfoɔ nnhyehyɛ ne ho n’ahoɔden ho, na ɔdefoɔ nso nnhyehyɛ ne ho n’ahodeɛ ho,


na moayɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma; ɛfiri sɛ ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔtɔ nsuo gu wɔn a wɔtene ne wɔn a wɔntene so.


nanso wannyae ne ho adansedie, yɛɛ yie maa mo nsuo firi soro ne berɛ a aduane ba, na ɔde aduane ne anigyeɛ maa mo abotɔyam.


Wodɔ tenenee, na wokyiri amumuyɛ enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahosan ngo asra woɔ asene wo mfɛfoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios