Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 31:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na wone me botantim ne me tenabea srɔnsrɔn, na wo din nti wobɛkyerɛ me kwan na woakɔgya me.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na wone me botantim ne me tenabea srɔnsrɔn, na wo din nti wobɛkyerɛ me kwan na woakɔgya me.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Sɛ woyɛ me botan ne mʼaban nti, wo din nti di mʼanim na kyerɛ me kwan.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Sɛ woyɛ me botan ne mʼaban enti, wo din enti, di mʼanim na kyerɛ me ɛkwan.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na wone me botantim ne me tenabea srɔnsrɔn, na wo din nti wobɛkyerɛ me kwan na woakogya me.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 31:3
21 Referencias Cruzadas  

sɛ ɛbɛhyerɛn ama wɔn a wɔtete sum mu ne owuo sunsum aseɛ, na wagye yɛn taataa akɔ asomdwoeɛ kwan so.


Di boa yɛn, yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, wo din animuonyam nti na yi yɛn, na wo din nti kata yɛn bɔne so.


Na sɛ ɔno, nokorɛ Honhom no, nya ba a, ɔbɛkyerɛ mo kwan akɔ nokorɛ no nyinaa mu. Na ɛmfiri ɔno ara ne mu na ɔbɛkasa, na biribiara a ɔbɛteɛ no, ɔbɛka, na ɔbɛkyerɛ mo nnoɔma a ɛreba.


Sɛ yɛn amumuyɛ kasa tia yɛn mpo a, AWURADE, wo din nti yɛ ɛho biribi, na yɛn nsaneakyire adɔɔso, wo na yɛayɛ wo bɔne.


ɛkɔm renne wɔn, na sukɔm renne wɔn, na kumaforoteɛ ne owia renka wɔn, na deɛ ɔhu wɔn mmɔborɔ no bɛgya wɔn, na wakyerɛ wɔn mmasuo so kwan.


na hwɛ sɛ amaneɛ kwan bi wɔ me hɔ, na gya me kɔ daa kwan so!


Ma wo hann ne wo nokorɛ mmɛgya me, na ɛmfa me nkɔ wo bepɔ kronkron so ne wo tenabea.


AWURADE, wo din nti fa me bɔne kyɛ me, na ɛdɔɔso pii.


Ma mennante wo nokorɛ mu, na kyerɛkyerɛ me, ɛfiri sɛ wone me nkwagyeɛ Nyankopɔn, m’ani da wo so daa nyinaa.


Na wode mununkum dum kyerɛɛ wɔn kwan awia, ne ogya dum nso anadwo, sɛ ɛnhyerɛn mma wɔn, ɔkwan a wɔnam soɔ no so.


Ɔma ahobrɛasefoɔ nante tenenee mu, na ɔma ahobrɛasefoɔ sua ne kwan.


AWURADE ne me botan ne m’abankɛseɛ ne me gyefoɔ, me Nyankopɔn ne me botantim a medwane kɔtoa no, me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten.


wo deɛ, wo mmɔborɔhunu bebree nti woannya wɔn ɛserɛ no so, mununkum dum no amfiri wɔn so awia, sɛ ɛbɛkyerɛ wɔn kwan, ne ogya dum no nso anadwo, sɛ ɛbɛdɛre ama wɔn akyerɛ wɔn kwan a wɔmfa soɔ.


Na Kanaanfoɔ ne asase yi sofoɔ nyinaa bɛte, na wɔabɛtwa yɛn ho ahyia, na wɔatwa yɛn din afiri asase so: Na ɛdeɛn na wobɛyɛ ama wo din kɛseɛ no?


sɛ yɛn a yɛn ani daa Kristo so kane no mmɛyɛ n’animuonyam ayeyie.


Yɛ sɛ ɔbotan a mɛtena so maba hɔ daa. Woahyɛ sɛ wɔnnye me nkwa, na wone me botan ne me ho fasuo.


Na me nna hi sɛ wisie, na me nnompe adɔ sɛ mmukyia.


Na wabrɛ n’aso ase ama me, enti mete ase yi, mɛbɔ ne din.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios