Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 28:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Boa wo man, na hyira w’apɛgyadeɛ, na yɛne wɔn, na ma wɔn so daa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Boa wo man, na hyira w’apɛgyadeɛ, na yɛne wɔn, na ma wɔn so daa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Gye wo nkurɔfo na hyira wʼagyapade; yɛ wɔn hwɛfo, na wo ne wɔn nnantew afebɔɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Gye wo nkurɔfoɔ na hyira wʼagyapadeɛ; yɛ wɔn hwefoɔ, na wo ne wɔn nnante afebɔɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Boa wo man, na hyira w’apɛgyade, na yɛn wɔn, na ma wɔn so daa.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 28:9
24 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Dawid bisaa Gibeonfoɔ no sɛ: Ɛdeɛn na menyɛ mma mo? Na ɛdeɛn na memfa mpata mo na moahyira AWURADE agyapadeɛ?


Baabiara a me ne me man Israelfoɔ nyinaa anante akɔ no, me ne atemmufoɔ a mayi wɔn sɛ wɔnhwɛ Israel so no bi akasa sɛ adɛn nti na moansi ntweneduro dan amma me anaa?


Ɛfiri sɛ wɔyɛ wo man ne w’agyapadeɛ a woyii wɔn Misraim firii dadeɛ fononoo mu de wɔn baeɛ no,


Na wo AWURADE Nyankopɔn, wo ara na woyii wɔn yɛɛ agyapadeɛ firii asase so aman nyinaa mu, sɛdeɛ wonam w’akoa Mose so kaeɛ ɛberɛ a woyii yɛn agyanom firii Misraim baeɛ no.


Na obiara a ɔte ase wɔ baabiara a wakɔyɛ hɔ hɔhoɔ no, ma ɛhɔfoɔ mfa dwetɛ ne sika ne afideɛ ne mmoa ɛne ayamyi adeɛ a wɔde bɛma Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no nnya no kwan.


Hwan na ɔde Israel nkwagyeɛ bɛfiri Sion aba? Da a AWURADE de ne man agyapadeɛ bɛsane aba no, Yakob bɛdi ahurisie, na Israel ani agye.


Onyankopɔn, gye Israel firi wɔn ahohia nyinaa mu.


Ɔmaa no firii nnwammereɛ a wɔma nufoɔ akyiridie bae, sɛ ɔmmɛyɛne ne man Yakob ne n’agyapadeɛ Israel.


Ɔbɛyɛne ne nnwankuo sɛ odwanhwɛfoɔ, ɔbɛturu nnwammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nnwan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛɛ.


Yakob fie ne Israel fie nkaeɛ nyinaa, mo a wɔaturu mo afiri yafunu mu na masoa mo afiri awotwaa mu no, monyɛ aso mma me.


Wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiahiaa no, na n’anim bɔfoɔ no gyee wɔn; ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu na ɔgyee wɔn, na ɔmemaa wɔn so, na ɔsoaa wɔn tete nna no nyinaa.


Yakob kyɛfa nte sɛ yeinom, na nnoɔma nyinaa yɛfoɔ ne no, na Israel ne n’apɛgyadeɛ a ne poma di soɔ; asafo AWURADE ne ne din.


Na sɛ AWURADE seɛ nie: Monto Yakob ho ahurisie dwom, mommɔ ose mma amanaman sodifoɔ no. Momma wɔnte, monyi ayɛ, na monka sɛ: AWURADE, gye wo man, Israel nkaeɛ no nkwa.


Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a wosua sɛ wobɛfra Yuda mpem mpem mu, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel sodifoɔ no; na n’ase firi tete nteredee, firi daa a ɛnni ase nna mu.


Na ɔbɛgyina hɔ ayɛne wɔn, AWURADE ahoɔden mu, AWURADE ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu, na wɔatena ase; na afei ɔbɛyɛ kɛse akɔsi asase awieeɛ.


Fa wo poma yɛne wo man, w’agyapadeɛ nnwan a wɔn nko ara te kwaeɛm, Karmel atifi no. Ma wɔnnidi Basan ne Gilead sɛ tete nna no mu.


Na wo Betlehem, Yuda asase, wonyɛ Yuda asafohene mu akumaa, ɛfiri sɛ wo mu na ɔsafohene a ɔbɛhwɛ me man Israel so no bɛfiri aba.


na moate aseɛ, na moahunu ne frɛ anidasoɔ no ne n’apɛgyadeɛ animuonyam ahonya wɔ ahotefoɔ no mu.


ne ɛserɛ so a wohunuu sɛ AWURADE wo Nyankopɔn kura wo sɛdeɛ onipa kura ne ba, akwan a mofaa soɔ no nyinaa so bɛsii sɛ moduruu ha yi.


Na AWURADE kyɛfa ne ne man, Yakob ne n’agyapadeɛ a wɔasusu ama no.


Ɛno nti mepaa AWURADE kyɛw sɛ: AWURADE Nyankopɔn, nsɛe wo man ne w’agyapadeɛ a wode wo kɛseyɛ agye wɔn na wode nsa a ɛyɛ den ayi wɔn afiri Misraim no.


Na wɔyɛ wo man ne w’agyapadeɛ a wode wo tumi kɛseɛ ne wo nsa a woatene ayi wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios