Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 28:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 AWURADE ne m’ahoɔden ne me kyɛm. Mede m’akoma mato ne so, na waboa me, enti m’akoma ho asane no, na mede me dwom meda no ase.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 AWURADE ne m’ahoɔden ne me kyɛm. Mede m’akoma mato ne so, na waboa me, enti m’akoma ho asane no, na mede me dwom meda no ase.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Awurade ne mʼahoɔden ne me nkatabo me koma wɔ ne mu ahotoso, na ɔboa me. Me koma di ahurusi na mede dwonto bɛda no ase.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Awurade ne mʼahoɔden ne mʼakokyɛm; mʼakoma wɔ ne mu ahotosoɔ, na ɔboa me. Mʼakoma di ahurisie na mede dwomtoɔ bɛda no ase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 AWURADE ne m’ahoɔden ne me kyɛm. Mede me koma mato no so, na waboa me, enti me koma ho asan no, na mede me dwom meda no ase.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 28:7
36 Referencias Cruzadas  

Nsɛm yi akyiri no, AWURADE asɛm baa Abram nkyɛn anisoadehunu mu sɛ: Nsuro, Abram, mene wo kyɛm, na w’akatua bɛdɔɔso pii.


Na me deɛ, m’ani da w’adɔeɛ so, m’akoma bɛdi wo nkwagyeɛ mu ahurisie,


mɛto AWURADE dwom sɛ ɔne me adi no yie.


Ma m’anomu nsɛm nyɛ wo fɛ, na m’akomam nkɔmmɔ nsɔ w’ani, O AWURADE, me botan ne me gyefoɔ.


Ao, AWURADE, wo na ɔhene ani gye wɔ w’ahoɔden mu, na wo nkwagyeɛ nti hwɛ sɛdeɛ ne ho si sane no fa.


Wo so na yɛn agyanom de wɔn ho toeɛ, wɔde wɔn ho too wo so, na wogyee wɔn.


AWURADE ne ne nkurɔfoɔ ahoɔden, deɛ wasra no no nkwagyeɛ aban ne no.


Na wo, AWURADE, wone me ho kyɛm, m’animuonyam ne me werɛkyekyefoɔ.


Mede me nne mesu mefrɛ AWURADE, na ɔgye me so firi ne bepɔ kronkron so.


Na ne mu na yɛn akoma bɛtɔ yɛn yam, ɛfiri sɛ yɛde yɛn ho ato ne din kronkron so.


Na ateneneefoɔ nkwagyeɛ firi AWURADE, ɔne wɔn dwanekɔhyɛbea, ahohia da mu.


Na ɔde dwom foforɔ ahyɛ m’anomu, yɛn Nyankopɔn ayeyie. Nnipa bebree bɛhunu asuro, na wɔabata AWURADE ho.


Na wone me dwane kɔtoa Nyankopɔn, adɛn nti na woto me twene? Adɛn nti na ɔtamfoɔ hyɛ a ɔhyɛ me soɔ nti memfa awerɛhoɔ mennanteɛ?


Onyankopɔn yɛ yɛn dwanekɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafoɔ pa a wɔanya no nhunuiɛ.


Enti sɛ asase ani dane butu, na mmepɔ tutu gu po bunu mu,


Mede dwontoɔ bɛyi Nyankopɔn din ayɛ, na mede aseda makamfo no.


Na owia ne kyɛm ne AWURADE Nyankopɔn. AWURADE ma adom ne animuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no.


Ɔde ne ntakra bɛkata wo so, na ne ntaban ase na wobɛkɔ akɔhyɛ, ɔkyɛm ne nkataboɔ ne ne nokorɛ.


Hwɛ, Nyankopɔn ne me nkwagyeɛ. Mɛtwere no, na mensuro, na AWURADE Nyankopɔn ne m’ahoɔden ne me dwom, na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.


Wɔbɛka me ho asɛm sɛ, AWURADE mu nko ara na tenenee ne ahoɔden wɔ; ne nkyɛn na wɔbɛba, na wɔn a wɔn bo afu no nyinaa ani bɛwu.


AWURADE mu na me ho sɛpɛ me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurisie, ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ atadeɛ ahyɛ me, ɔde tenenee batakari asi me, sɛ ayeforɔkunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotire, ne ayeforɔ a ɔde ne nnwinneɛ hyehyɛ ne ho.


Deɛ ɛdi akyire no, momma mo ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu.


Na wɔto Nyankopɔn akoa Mose dwom ne Adwammaa no dwom sɛ: Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ, wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa. Amanaman hene, w’akwan tene na ɛyɛ nokorɛ.


Na wɔtoo dwom foforɔ sɛ: Wofata sɛ wogye nwoma no na wobue ne nsɔano no, ɛfiri sɛ wɔaku wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afiri mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfoɔ ne aman nyinaa mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios