Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 28:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Ɛfiri sɛ wɔn ani nni AWURADE nneyɛɛ ne ne nsa ano nnwuma so: Ɔbɛdwiri wɔn, na ɔrento wɔn nsi hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Ɛfiri sɛ wɔn ani nni AWURADE nneyɛɛ ne ne nsa ano nnwuma so: Ɔbɛdwiri wɔn, na ɔrento wɔn nsi hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Sɛ wommu nea Awurade ayɛ ne nea ɔde ne nsa ayɛ no nti ɔbɛbrɛ wɔn ase na ɔremma wɔnnsɔre bio.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Sɛ wɔmmu deɛ Awurade ayɛ ne deɛ ɔde ne nsa ayɛ no enti, ɔbɛbrɛ wɔn ase na ɔremma wɔnnsɔre bio.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Efisɛ wɔn ani nni AWURADE nneyɛe ne ne nsa ano nnwuma so: Obedwiriw wɔn, na ɔrento wɔn nsi hɔ.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 28:5
26 Referencias Cruzadas  

Ɔno na ɔbɛsi dan ama me din, na mama n’ahennie adwa atim akɔsi daa.


Na wo, asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, woayi w’akoa asotire sɛ: Mɛkyekyere efie mama wo, enti na w’akoa asi ne bo rebɔ wo saa mpaeɛ yi.


Na sɛ wotie deɛ mɛhyɛ woɔ nyinaa na wonante m’akwan so na woyɛ deɛ ɛtene m’ani soɔ, sɛ wobɛdi m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm soɔ sɛdeɛ m’akoa Dawid yɛeɛ no a, ɛnneɛ mɛdi w’akyi na masi efie a ɛtim hɔ mama wo; sɛdeɛ mesi memaa Dawid no, na mede Israel mama wo.


N’akwan yere hɔ pintinn daa nyinaa. W’atemmudeɛ asɔre n’ani so kɔ akyirikyiri, ɔmfa n’ahohiahiafoɔ nyinaa nyɛ ahuro.


AWURADE, sɛdeɛ wo nnwuma si dɔɔso fa, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔdeɛ ahyɛ asase so ma.


Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsateaa ano adwuma, ɔsrane ne nsoromma a woasiesie a,


na motwaa ɛkɔ wɔ afasuo mmienu no ntam maa ɔtadeɛ dada no mu nsuo no, nanso moanhwɛ deɛ ɔyɛɛ adeɛ no, na deɛ teteete no ɔhyehyɛeɛ no, moammu no.


Momma mo ani so nhwɛ soro, na monhwɛ deɛ ɔbɔɔ yeinom! Ɔno na ɔbu wɔn dɔm ano yi wɔn adie, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodoɔ ne n’ahoɔden kɛseɛ nti, obiara nyera.


Me na meyɛɛ asase, na mebɔɔ ɛso nnipa; me na me nsa trɛɛ ɔsoro mu, na mehyɛɛ mu asafo nyinaa.


Na sɛ AWURADE a ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwonoo asase na ɔyɛeɛ no seɛ nie, (ɔne Nyankopɔn), (ɔno na ɔde sii hɔ); wammɔ no hunu na ɔnwonoo no sɛ wɔntena so: Mene AWURADE, na obiara nni hɔ bio.


Ɔsoro, momma tenenee mfiri soro nsosɔ, na ɛmfiri mununkum mu ntɔ; asase mmue, na ɛmfa ɔgyeɛ mmra, na ɛmma tenenee nso mfifi mmra: Me, AWURADE, na mebɔeɛ.


Na wɔwɔ sankuten ne bɛnta, ne mpintin ne atɛntɛbɛn ne nsa wɔ wɔn apontoɔ aseɛ, na AWURADE nneyɛɛ deɛ, wɔnhunu, na ne nsa ano adwuma nso, wɔnhunu.


Mɛsi wo bio, na woasi hɔ, O Israel baabunu; wobɛhyehyɛ wo mpintin aduradeɛ bio, na woafiri adi, agofoɔ asa mu.


Hwan ne onyansafoɔ a ɔbɛhunu yeinom mu, nhunumufoɔ a ɔbɛhunu ɛno? Na AWURADE akwan yɛ tee, na ateneneefoɔ bɛnante so, na mmaratofoɔ deɛ wɔbɛhwehwe so ase.


Ampa ara, adebisa nni Yakob mu, na nkɔmhyɛ nni Israel mu: Afei na wɔbɛka wɔ Yakob ne Israel ho sɛ: Ɛdeɛn na Onyankopɔn ayɛ yi!


Na wayɛ saa nsɛnkyerɛnneɛ bebree wɔ wɔn anim deɛ, nanso wɔannye no anni,


Na Nyankopɔn ho adeɛ a wɔnhunu, ɛfiri berɛ a wɔbɔɔ wiase no, ɔnam nnoɔma a wɔayɛ no dada no so ada no adi pefee ama wɔde adwene hunu mu, mekyerɛ ne daa tumi ne ne nyamesu; ɛno nti wɔnni anoyie biara;


Na sɛdeɛ wɔammu sɛ wɔbɛkura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ deɛ ɛmfata,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios