Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 22:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Dane to AWURADE so, ma no nnye no, sɛ ɔpɛ no a, ma no nyi no!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Dane to AWURADE so, ma no nnye no, sɛ ɔpɛ no a, ma no nyi no!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 “Ɔde ne ho to Awurade so; ma Awurade mmegye no. Ma ɔmmɛboa no, efisɛ ɔwɔ no mu anigye.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 “Ɔde ne ho to Awurade so; ma Awurade mmɛgye no. Ma ɔmmɛboa no, ɛfiri sɛ ɔwɔ ne mu anigyeɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Dan to AWURADE so, ma onnye no, sɛ ɔpɛ no a, ma onyi no.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 22:8
17 Referencias Cruzadas  

Sɛ mowɔ me tebea mu a, anka me nso mɛkasa sɛ mo, anka mɛhɔre nsɛm magu mo so, na mawoso me ti magu mo so;


Na me deɛ, madane ahohora mama wɔn, wɔhwɛ me a, wɔwoso wɔn ti.


Na ɔyii me kɔgyinaa deɛ ɛhɔ trɛ, ɔgyee me, ɛfiri sɛ mesɔɔ n’ani.


Fa wo kwan hyɛ AWURADE nsam, na fa wo ho to ne so, na ɔno na ɔbɛyɛ,


Ahohora a m’ahohiahiafoɔ bɔ me no yɛ me sɛ me nnompe redwerɛ, sɛ daa wɔbisa me sɛ: Wo Nyankopɔn wɔ he?


Dane w’adesoa to AWURADE so, na ɔbɛsɔ wo mu, ɔremma ɔteneneeni ntwe n’anan mu da.


ka sɛ: Onyankopɔn apa no; monti no nkye no, na obi nni hɔ a ɔbɛgye no.


Na sɛ ɔfam me ho yi, mɛgye no, mɛma no so, ɛfiri sɛ ɔnim me din.


Fa wo nnwuma hyɛ AWURADE nsa, na wo nhyehyɛɛ bɛtim.


Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden nie, deɛ mayi no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu ne so; ɔde atemmuo bɛfiri akɔ amanaman mu.


Hwɛ, m’abɔfra a mayi no, deɛ medɔ no a me kra ani sɔ no; Mede me Honhom bɛgu ne so, na waka atɛntenenee akyerɛ Amanaman mufoɔ.


Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Montie no!


Na hwɛ, ɛnne bi firi soro kaa sɛ: Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani.


Na ɔman no gyina hɔ rehwɛ. Na mpanimfoɔ no nso yii no ahi sɛ: Ɔgyee binom; sɛ oyi ne Kristo no a Onyankopɔn ayi no no a, ma no nnye ne ho ɛ!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios