Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 22:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 M’ahoɔden mu awe sɛ kyɛmferɛ, na me tɛkyerɛma afam me dodom, na wode me ato owuo mfuturo mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 M’ahoɔden mu awe sɛ kyɛmferɛ, na me tɛkyerɛma afam me dodom, na wode me ato owuo mfuturo mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Mʼanom ayow te sɛ kyɛmfɛre mu. Na me tɛkrɛma atare mʼanom. Wode me to owu mfutuma mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Mʼahoɔden awe te sɛ kyɛmferɛ mu. Na me tɛkrɛma atare mʼanom. Wode me ato owuo mfuturo mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 M’ahoɔden mu ayow sɛ kyɛmfɛre, na me tɛkrɛma afam me dodom, na wode me ato owu mfutuma mu.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 22:15
22 Referencias Cruzadas  

Yei akyiri a Yesu hunuu sɛ wɔanya awie nnoɔma nyinaa no, (sɛdeɛ ɛbɛyɛ na twerɛsɛm no aba mu nti), ɔkaa sɛ: Osukɔm de me.


Me sufrɛ ama mabrɛ, me mene mu awe, mahwɛ me Nyankopɔn kwan ama m’ani abu.


Saa nti mɛkyɛ adeɛ mu mama no nnipa bebree mu na ɔne ahoɔdenfoɔ akyɛ asadeɛ, ɛfiri sɛ ɔde ne kra too hɔ maa owuo, na wɔabu no afra mmaratofoɔ mu, nso ɔno na wasoa nnipa bebree bɔne, na wadi ama mmaratofoɔ.


Wɔde bɔnwoma yɛɛ m’aduane, na me sukɔm mu wɔmaa me nsa kekakeka sɛ mennom.


M’akoma bɔ paripari, m’ahoɔden atu, na m’aniwa hann mpo nni me ho bio.


Na nsɛm a adi kan a me nso menyaeɛ a mede mehyɛɛ mo nsa ne sɛ: Yɛn bɔne nti Kristo wui, sɛdeɛ twerɛ nsɛm no ka no.


Wohunta w’ani, na wɔpatu wu, woyi wɔn ahome, na wɔgyaa mu, na wɔsane kɔ wɔn mfuturo mu.


Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu bio no, ɔgyae ne honhom mu.


Anigyeɛ akoma yɛ aduro pa, na honhom a ɛdi yea no deɛ, ɛwe nnompe mu.


Mmakoma nne taa dinn, na wɔn tɛkyerɛma fam wɔn dodom.


Na wɔn a wɔadeda fam dɔteɛ mu no bebree bɛnyane, ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom akɔ ahohoradeɛ ne daa ahiyie mu.


Sukɔm ma akɔkoaa tɛkyerɛma fam ne dodo mu, mmotafowa srɛ aduane, obi nni hɔ a ɔbu bi ma wɔn.


Ɛdeɛn mfasoɔ na ɛwɔ me so wɔ m’Amena mu korɔ mu? Mfuturo bɛda wo ase anaa? Ɛbɛka wo nokorɛ akyerɛ anaa?


anka honam nyinaa bɛgyaa mu prɛko, na onipa bɛsane akɔ dɔteɛ mu.


Kae sɛ wonwonoo me sɛ anwommoɔ, na wobɛma madane mfuturo bio anaa?


Na Abraham buaa sɛ: Hwɛ, meyɛ mfuturo ne nso deɛ, nanso masi me bo sɛ me ne AWURADE bɛkasa:


W’anim fifire mu na wobɛdidie de akɔsi sɛ wobɛsane akɔ dɔteɛ mu, ɛfiri sɛ emu na wɔyii wo firiiɛ; na woyɛ dɔteɛ, na dɔteɛ mu na wobɛsane akorɔ.


Na adɛn na womfa me mmarato nkyɛ, na womma me mfomsoɔ nsene nkorɔ? Na afei mɛda mfuturo mu, na wobɛhwehwɛ me, nso na menni hɔ bio.


Ɛtwa sɛ yɛn nyinaa wuo, na yɛte sɛ nsuo a wɔahwie agu fam a wɔntumi mmoa ano bio; na Onyankopɔn rekum obi a ɔdwene akwan a ɛremma onipa a wɔapam no nsane mma fie bio.


Me nnompe femfam me wedeɛ ne me nam ho, na me se ho wedeɛ nko na mede afiri mu afire.


Na afei me kra nane gu me mu, amanehunu nna asosɔ me mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios