Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 20:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Ma yɛmmɔ ose wɔ wo nkonimdie ho, na yɛn Nyankopɔn din mu na yɛhim yɛn frankaa: AWURADE mma deɛ wosrɛ nyinaa mmra mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Ma yɛn mmɔ ose wɔ wo nkonimdie ho, na yɛn Nyankopɔn din mu na yɛhim yɛn frankaa: AWURADE mma deɛ wosrɛ nyinaa mmra mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Yɛbɛbɔ ose bere a woadi nkonim, na yɛama yɛn frankaa so wɔ yɛn Nyankopɔn din mu. Awurade nyɛ wʼabisade nyinaa mma wo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Yɛbɛbɔ ose ɛberɛ a woadi nkonim na yɛama yɛn frankaa so wɔ yɛn Onyankopɔn din mu. Awurade nyɛ wʼabisadeɛ nyinaa mma wo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Ma yɛmmɔ ose wɔ wo nkonimdi ho, na yɛn Nyankopɔn din mu na yehim yɛn frankaa. AWURADE mma nea wosrɛ nyinaa mmram.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 20:5
19 Referencias Cruzadas  

Osebɔ ne nim gyegye ateneneefoɔ ntomadan mu, AWURADE nifa di mmaninsɛm.


Na me deɛ, m’ani da w’adɔeɛ so, m’akoma bɛdi wo nkwagyeɛ mu ahurisie,


Ɔsoro susuhoma duru asase nyinaa so, na ne nsɛm duru wiase ano; wasi ntomadan ama owia ɔsoro hɔ.


Ao, AWURADE, wo na ɔhene ani gye wɔ w’ahoɔden mu, na wo nkwagyeɛ nti hwɛ sɛdeɛ ne ho si sane no fa.


Na wode papa mu nhyira hyia no, wode sika amapa abotire bɔ ne ti.


Na me kra bɛdi ahurisie AWURADE mu, na ne ho asane no, ne nkwagyeɛ mu.


Wode frankaa ama w’afɛrefoɔ sɛ wɔmfa mma wɔn ho so, nokorɛ nti.


na menka w’ayeyie nyinaa menkyerɛ, Sion babaa aponkɛseɛ mu, na menni ahurisie wo nkwagyeɛ mu.


Na Mose sii afɔrebukyia, na ɔtoo din Yahwe-nissi (aseɛ ne: AWURADE ne me frankaa),


Na da no, Yisai nhini mu duforɔ a ɛsi hɔ sɛ frankaa ma aman no, n’akyiri kwan na amanaman bɛhwehwɛ, na ne homebea bɛyɛ animuonyam.


Ɛda no na wɔbɛka sɛ: Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛn ani ada ne so sɛ ɔbɛgye yɛn no nie; AWURADE a yɛn ani daa ne soɔ no nie. Momma yɛnni ahurisie, na yɛn ani nnye ne nkwagyeɛ no mu.


AWURADE mu na me ho sɛpɛ me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurisie, ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ atadeɛ ahyɛ me, ɔde tenenee batakari asi me, sɛ ayeforɔkunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotire, ne ayeforɔ a ɔde ne nnwinneɛ hyehyɛ ne ho.


Na aman no mu biara nante ne nyame din mu, na yɛn deɛ, yɛbɛnante AWURADE yɛn Nyankopɔn din mu de akɔsi daa daa.


me deɛ AWURADE mu na mɛdi ahurisie, na me ho bɛsɛpɛ me wɔ nkwagyeɛ Nyankopɔn mu.


na m’agyenkwa Nyankopɔn ho na me honhom ho asane no;


Ɛnna Eli buaa sɛ: Fa asomdwoeɛ kɔ, na Israel Nyankopɔn mma wo adeɛ a wosrɛɛ no ne hɔ no.


Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Filistini no sɛ: Wo deɛ, wode nkrantɛ ne pea ne pɛmɛ na ɛreba me so, na me deɛ, mede asafo AWURADE, Israel mpasua a woatwa wɔn poa no Nyankopɔn din na mereba wo so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios