Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 19:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Ɔsoro susuhoma duru asase nyinaa so, na ne nsɛm duru wiase ano; wasi ntomadan ama owia ɔsoro hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Ɔsoro susuhoma duru asase nyinaa so, na ne nsɛm duru wiase ano; wasi ntomadan ama owia ɔsoro hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔn nne akodu asase so mmaa nyinaa, na wɔn nsɛm nso akodu asase ano. Onyankopɔn asi ntamadan ama owia wɔ ɔsoro hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Nanso wɔn asɛm akɔduru asase so mmaa nyinaa, wɔn nsɛm nso akɔduru asase ano. Wɔ ɔsoro hɔ, wasi ntomadan ama owia,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Ɔsoro susuhama du, asase nyinaa so na ne nsɛm du wiase ano; wasi ntamadan ama owia ɔsoro hɔ.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 19:4
7 Referencias Cruzadas  

Ɔfira hann sɛ ntoma, ɔtrɛ ɔsoro mu sɛ ntomadan tam,


Wakae n’adɔeɛ ne ne nokorɛ ama Israel fie, asase ano nyinaa ahunu yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ.


ɔse: Ɛyɛ hare sɛ wobɛyɛ m’akoa na woama Yakob mmusuakuo soɔ, na wode Israel mu wɔn a wɔakora wɔn no asane aba; na mede wo bɛyɛ amanaman hann, na woayɛ me nkwagyeɛ akɔduru asase ano.


Na mo a mosuro me din no, tenenee owia bɛpue ama mo a ayaresa wɔ ne ntaban aseɛ, na mobɛfiri adi ahurihuri sɛ anantwiburuwa a wɔadidi adɔ,


Na mebisa sɛ: Wɔante koraa? Ampa ara wɔate, wɔn nne firi kɔɔ asase nyinaa so, na wɔn nsɛm duruu wiase ano.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios