Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 19:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Ma m’anomu nsɛm nyɛ wo fɛ, na m’akomam nkɔmmɔ nsɔ w’ani, O AWURADE, me botan ne me gyefoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Ma m’anomu nsɛm nyɛ wo fɛ, na m’akomam nkɔmmɔ nsɔ w’ani, O AWURADE, me botan ne me gyefoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Ma mʼanom nsɛm ne me koma mu adwene nyɛ nea ɛsɔ wʼani, Awurade me Botan ne me Gyefo. Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Ma mʼanom nsɛm ne mʼakoma mu mpaeɛbɔ nyɛ deɛ ɛsɔ wʼani, Ao Awurade me Botan ne me Gyefoɔ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Ma m’anom nsɛm nyɛ wo fɛ, na me komam nkɔmmɔ nsɔ w’ani, AWURADE, me botan ne me gyefo.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 19:14
21 Referencias Cruzadas  

Na me deɛ, menim sɛ me gyefoɔ te ase, na awieeɛ no ɔbɛdi m’asɛm ama me wɔ asase so.


Ɔmma m’adwene yi nyɛ no fɛ, na me nso m’ani bɛgye AWURADE ho.


AWURADE, ma w’ani nsɔ m’anomu ayamyie afɔdeɛ ɛ, na ma mensua w’atemmudeɛ.


AWURADE, bue m’ano fafa, na mede m’ano makyerɛ w’ayeyie.


Abɔnefoɔ afɔdeɛ yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na teefoɔ mpaebɔ deɛ ɛyɛ n’anisɔdeɛ.


Sɛ AWURADE, mo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no seɛ nie: Mo nti mɛsoma akɔ Babel, na mabubu adaban nyinaa, na mama Kaldeafoɔ ahurisidie adane adwotwa.


Sɛ AWURADE, Israel hene, ne ne Gyefoɔ, asafo AWURADE seɛ nie: Mene odikanfoɔ na mene okyidifoɔ, na Onyankopɔn biara nni hɔ gye me nko.


Yɛn Gyefoɔ no, asafo AWURADE ne ne din, ne Israel Kronkronni no.


Na wo Yɛfoɔ ne wo kunu, asafo AWURADE ne ne din, na wo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no, wɔfrɛ no asase nyinaa Nyankopɔn.


sɛ menyɛ Yesu Kristo somfoɔ amanaman no mu, menkɔyɛ Nyankopɔn asɛmpa no ho asɔfodwuma, na amanaman mufoɔ nyɛ afɔdeɛ a ɛyɛ dɛ a wɔate ho Honhom Kronkron mu.


na motwɛn ne Ba a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no afiri soro, ɔno ne Yesu a ɔyi yɛn firi abufuo a ɛreba no mu.


Ɔno na ɔde ne ho maeɛ, maa yɛn, na wagye yɛn afiri mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ ɔno ara ne deɛ a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


Gyidie na Habel de bɔɔ afɔdeɛ a ɛso kyɛne Kain deɛ maa Onyankopɔn. Ɛno so na ɔnam nyaa adanseɛ sɛ ɔtene, ɛfiri sɛ Onyankopɔn dii n’ayɛyɛdeɛ ho adanseɛ, na ɛno so na sɛ ɔwui mpo a, ɔda so kasa.


Enti momma yɛmfa ne so mmɔ Nyankopɔn ayeyie afɔdeɛ daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no.


mo nso momma wɔmfa mo sɛ aboɔ a nkwa wɔ mu nto aban, na moayɛ honhom mu dan, asɔfokuo kronkron, sɛ mobɛbɔ honhom mu afɔdeɛ a ɛnam Yesu Kristo so sɔ Nyankopɔn ani.


Na wɔtoo dwom foforɔ sɛ: Wofata sɛ wogye nwoma no na wobue ne nsɔano no, ɛfiri sɛ wɔaku wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afiri mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfoɔ ne aman nyinaa mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios