Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 18:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 M’ahohia mu mesu mefrɛɛ AWURADE, me Nyankopɔn, na meteaa mu mefrɛɛ no. Ɔtee me nne n’asɔrefie, na me su a mesu mekyerɛɛ no no kɔduruu n’aso mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 M’ahohia mu mesu mefrɛɛ AWURADE, me Nyankopɔn, na meteaa mu mefrɛɛ no. Ɔtee me nne n’asɔrefie, na me su a mesu mekyerɛɛ no no kɔduruu n’aso mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Mʼahohia mu, misu frɛɛ Awurade. Misu frɛɛ me Nyankopɔn hwehwɛɛ mmoa. Ofi nʼasɔrefi hɔ tee me nne; me sufrɛ baa nʼanim, na ɛkɔɔ nʼasom.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Mʼahohia mu, mesu mefrɛɛ Awurade. Mesu mefrɛɛ me Onyankopɔn pɛɛ mmoa. Ɔfiri nʼasɔrefie hɔ tee me nne; me sufrɛ baa nʼanim, na ɛkɔɔ nʼasom.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 M’ahoyeraw mu misu mefrɛɛ AWURADE, Nyankopɔn na meteɛɛm mefrɛɛ no. Ɔtee me nne n’asɔrefi, na me su a misui n’anim no koduu n’asom.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 18:6
17 Referencias Cruzadas  

M’ahohiahia mu mesu mefrɛɛ AWURADE, me Nyankopɔn na meteaa mu mefrɛɛ no. Na ɔtee me nne n’asɔrefie, na me nteamu duruu n’aso mu.


Ɛnna asɔfoɔ ne Lewifoɔ no sɔreeɛ na wɔhyiraa ɔman no. Na wɔtee wɔn nne, na wɔn mpaebɔ duruu ne tenabea kronkron no ɔsoro.


AWURADE wɔ n’asɔrefie kronkron mu, AWURADE ahennwa wɔ soro, n’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛ kari wɔn hwɛ.


AWURADE na m’ahohia mu mesu mefrɛɛ no, na ɔtiee me.


AWURADE ani wɔ ateneneefoɔ so, na n’aso tie wɔn sufrɛ.


Na me deɛ, menam w’adom bebree so mɛba wo fie, na wo ho suro mu na mɛkoto masɔre makyerɛ w’asɔrefie kronkron no.


na frɛ me hiada mu, na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.


Suro ne ahopopoɔ aba me so, na ahoyera akata me so.


Na nna dodoɔ yi akyiri no, ɛbaa sɛ Misraimhene wui. Na nkoasom no nti Israelfoɔ no sii apini, na wɔsu frɛe, na wɔn sufrɛ no kɔduruu Nyankopɔn anim.


Na AWURADE deɛ, ɔwɔ n’asɔrefie kronkron mu; na momma asase nyinaa nyɛ komm wɔ n’anim.


Na ɔkaa sɛ: Aba, Agya! Wotumi nnoɔma nyinaa yɛ; yi kuruwa yi firi me so kɔ! Nanso ɛnyɛ deɛ mepɛ, na deɛ wopɛ.


Afei wɔde Petro kɔtoo afiase hɔ deɛ, nanso asafo no toaa so bɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ maa no.


Na wɔhinii Nyankopɔn asɔredan no ɔsoro, na wɔhunuu n’apam adaka no n’asɔredan no mu. Na anyinam, ne ɛnne, ne aprannaa, ne asasewosoɔ ne asukɔtweaaguo kɛseɛ bae.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios