Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 18:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Na manante AWURADE akwan so, na menyɛɛ bɔne mennyaa me Nyankopɔn,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Na manante AWURADE akwan so, na menyɛɛ bɔne mennyaa me Nyankopɔn,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Manantew Awurade akwan so. Mentwee me ho mfii me Nyankopɔn ho nkɔyɛɛ bɔne ɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Manante Awurade akwan so. Mentwee me ho mfirii me Onyankopɔn ho nkɔyɛɛ bɔne.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Na manantew AWURADE akwan so, na memfaa bɔne kwan bi so minnyaw me Nyankopɔn,

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 18:21
13 Referencias Cruzadas  

Na ɔnantee n’agya Asa kwan so, na wammane amfiri so, na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so.


Na Yosia yiyii akyiwadeɛ no nyinaa firii nsase a ɛyɛ Israelfoɔ deɛ no nyinaa so, na ɔde wɔn a wɔwɔ Israel no nyinaa hyɛɛ ɔsom no mu maa wɔsom AWURADE wɔn Nyankopɔn. Ne nna nyinaa mu no, wɔamfiri AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn no, akyiridie ho.


Memmane memfirii w’atemmuo ho, na wo na woakyerɛkyerɛ me.


Nnipa nneyɛɛ fam, w’anomu asɛm no nti masɔre me ho, awerɛmfoɔ akwan ho.


AWURADE, bu me bem, na me pɛyɛ mu na mebɔɔ me bra, na mede me ho metoo AWURADE soɔ, manwatiri.


Ao, ma abɔnefoɔ bɔne to ntwa ɛ! Na ma ɔteneneeni ntim. Na wone tenenee Nyankopɔn a wosɔ akoma ne adwene hwɛ.


Na afei, mma, montie me, na nhyira ne wɔn a wɔdi m’akwan soɔ.


Ɛno na ɔhene bo tɔɔ ne yam kɛse, na ɔkaa sɛ wɔnyi Daniel mfiri amena no mu. Na wɔyii Daniel firii amena no mu baa soro, na wɔanhunu biribiara a ɛtii no, ɛfiri sɛ ɔde ne ho too ne Nyankopɔn so.


Na yei mu na mesɔ me ho mehwɛ, sɛ mɛnya ahonim a ɛnni fɔ Nyankopɔn ne nnipa fam daa.


Mo ne Onyankopɔn ne adansefoɔ sɛdeɛ yɛyɛɛ yɛn ho kronkron ne tenenee ne nnipa a wɔn ho nni asɛm maa mo agyidifoɔ.


Wɔfiri yɛn mu na ɛkɔeɛ deɛ, nanso wɔnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaa hɔ. Na ɛyɛɛ saa na wɔada adi sɛ wɔn nyinaa nka yɛn ho.


Manu me ho sɛ mede Saulo sii hene, ɛfiri sɛ wasane afiri m’akyi, na wamma me nsɛm annyina. Na ɛyɛɛ Samuel awerɛho, na ɔsu frɛɛ AWURADE anadwo no nyinaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios