Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 148:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na wama abɛn so ama ne man, ama n’ahotefoɔ nyinaa ayeyie, ama Israel mma, ɔman a wɔbɛn no no. Monyi AWURADE ayɛ!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na wama abɛn so ama ne man, ama n’ahotefoɔ nyinaa ayeyie, ama Israel mma, ɔman a wɔbɛn no no. Monyi AWURADE ayɛ!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Wapagyaw mmɛn bi ama ne nkurɔfo, nʼahotewfo nyinaa nkamfo; Israelfo, nnipa a wɔda ne koma so no nkamfo. Monkamfo Awurade.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Wapagya abɛn bi ama ne nkurɔfoɔ, ama nʼahotefoɔ nyinaa animuonyam, Israelfoɔ, nnipa a wɔda nʼakoma so no. Monkamfo Awurade.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na wama abɛn so ama ne man, ama n’ahotefo nyinaa ayeyi, ama Israel mma, ɔman a wɔbɛn no no. Munyi AWURADE ayɛ!

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 148:14
19 Referencias Cruzadas  

Ɔto pete, ɔyɛ ahiafoɔ yie; ne tenenee wɔ hɔ daa, wɔbɛma n’abɛn so, animuonyam mu.


AWURADE, wo nnwuma nyinaa da wo ase, na w’ahotefoɔ hyira wo.


sɛ wɔde atɛn a wɔatwerɛ no bɛbu wɔn; ɛne n’ahotefoɔ nyinaa animuonyam. Monyi AWURADE ayɛ!


na abɔnefoɔ mmɛn nyinaa, mɛbubu, teneneefoɔ mmɛn na wɔbɛma soɔ.


Na wɔn ahoɔden ahyehyɛdeɛ ne wo, na w’adom mu na wɔama yɛn abɛn soɔ.


Na AWURADE na yɛn kyɛm wɔ no, na Israel Kronkronni no na yɛn hene wɔ no.


Na woma m’abɛn so sɛ okoo deɛ, wode ngo foforɔ gu me so.


AWURADE, sa me yadeɛ na menya ahoɔden; gye me, na manya nkwa; na wone m’ayeyie.


Watu atumfoɔ afiri wɔn nhennwa so na wapagya ahiafoɔ.


kanea a ɛbɛma amanaman so ateɛ na ɛbɛhyɛ wo man Israel animuonyam.


Na afei deɛ, Kristo Yesu mu, mo a anka mowɔ akyirikyiri no, monam Kristo mogya mu abɛn.


Na ɔba bɛkaa asomdwoeɛ ho asɛmpa kyerɛɛ mo a mowɔ akyiri ne wɔn a wɔbɛn,


Enti afei monyɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ bio, na mmom moyɛ ahotefoɔ no yɔnko-man-mma ne Nyankopɔn fiefoɔ.


Ɔno ne w’ayeyie, na ɔne wo Nyankopɔn a wayɛ nnoɔma akɛseɛ a ɛyɛ hu a w’ani ahunu yi ama woɔ.


Na ɔman kɛseɛ bɛn na wɔwɔ onyame bi a ɔbɛn wɔn sɛdeɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛn yɛn, frɛ a yɛfrɛ no no nyinaa mu yi?


Na mo deɛ, moyɛ abusua a wɔayi wɔn, ahene asɔfokuo, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara ne deɛ, sɛ monka deɛ ɔfrɛɛ mo firi esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwanwa mu no ayeyie nkyerɛ.


Hana nso bɔɔ mpaeɛ sɛ: M’akoma di AWURADE mu ahurisie, AWURADE mu na wɔama m’abɛn soɔ; M’anomu atrɛ m’atamfoɔ so, ɛfiri sɛ m’ani gye wo nkwagyeɛ mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios