Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 147:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Ɔsa wɔn a wɔn akoma abubuo yadeɛ, na ɔkyekyere wɔn akuro.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Ɔsa wɔn a wɔn akoma abubuo yadeɛ, na ɔkyekyere wɔn akuro.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔsa wɔn a wɔn koma abotow no yare, na ɔkyekyere wɔn akuru.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔsa wɔn a wɔn akoma abotoɔ yadeɛ na ɔkyekyere wɔn akuro.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Ɔsa wɔn a wɔn koma abubu yare, na ɔkyekyere wɔn akuru.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 147:3
12 Referencias Cruzadas  

Na ɔno na ɔpira, na ɔkyekyere soɔ, ɔpɛkyɛ, na ne nsa nso sa.


AWURADE bɛn wɔn a wɔn akoma abubuo, na ɔgye wɔn a wɔn honhom apɛkyɛ.


Ɔteneneeni amaneɛ dɔɔso, na AWURADE gye no ne nyinaa mu.


Nyankopɔn afɔdeɛ ne honhom a abubuo; Onyankopɔn, akoma a abubuo, na apɛkyɛ na worempoɔ.


Na sɛ deɛ ɔkorɔn na wɔama no soɔ, deɛ ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no seɛ nie: Mete soro ne deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ne deɛ wabubuo na ne honhom brɛ aseɛ no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefoɔ honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no akoma anya nkwa.


AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ AWURADE asra me ngo sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufoɔ; wasoma me sɛ memmɛkyekyere wɔn a wɔn akoma abubuo werɛ, mempae ahofadie menkyerɛ nnommum ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfoɔ,


Hwɛ, me ara mede adeɛ ne nnuro bɛkyekyere ne kuro so, na masa wɔn yadeɛ, na matue asomdwoeɛ ne nokorɛ a ɛboro soɔ ama wɔn.


Deɛ wayera no, mɛhwehwɛ no, na deɛ wɔapam no no, mɛkɔ akɔfa no aba, na deɛ wabubuo no, mɛkyekyere no, na deɛ ɔyareɛ no, mɛhyɛ no den; na deɛ wadɔre sradeɛ ne deɛ ne ho yɛ den no, mɛhwɛ no so; mɛhwɛ wɔn tenenee mu.


Na mo a mosuro me din no, tenenee owia bɛpue ama mo a ayaresa wɔ ne ntaban aseɛ, na mobɛfiri adi ahurihuri sɛ anantwiburuwa a wɔadidi adɔ,


Awurade honhom wɔ me so, na enti wasra me sɛ memmɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafoɔ; wasoma me sɛ memmɛka ɔgyeɛ menkyerɛ nnommum ne adehunu menkyerɛ anifirafoɔ, na memmrɛ wɔn a wɔapɛkyɛ wɔn no ahofadie,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios