Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 143:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 O AWURADE, yɛ ntɛm gye me so, me honhom tɔ piti, nyi w’ani nhunta me, na manyɛ sɛ wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 O AWURADE, yɛ ntɛm gye me so, me honhom tɔ piti, nyi w’ani nhunta me, na manyɛ sɛ wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Awurade, gye me so ntɛm; me honhom tɔ piti. Mfa wʼanim nhintaw me anyɛ saa a mɛyɛ sɛ wɔn a wɔkɔ amoa mu no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ao Awurade, gye me so ntɛm; me honhom tɔ piti. Mfa wʼanim nhinta me anyɛ saa a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔkɔ amena mu no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 AWURADE, yɛ ntɛm gye me so, me honhom tɔ piti, nyi w’ani nhintaw me, na manyɛ sɛ wɔn a wosian kɔ amoa mu.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 143:7
20 Referencias Cruzadas  

Nyi w’anim nhunta me, da a me ho hia me no, brɛ w’aso ase ma me, da a mesu mefrɛ no, yɛ ntɛm gye me so.


Na wansere na wankyiri ɔmanehunufoɔ amaneɛ, na wanyi n’anim anhunta no, na mmom ɔsu frɛɛ no no, ɔtiee.


Nyi w’anim nhunta me, mfa abufuo mpamo w’akoa. Me boafoɔ ne wo, nto me ntwene, na nnya me, me nkwagyeɛ Nyankopɔn.


AWURADE, wo na mesu mefrɛ woɔ, me botan, mmua w’ano wɔ me ho; anyɛ saa na womua w’ano wɔ me ho a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no.


Na me deɛ, meyɛ mmɔbɔ na meyɛ ohiani deɛ, nanso AWURADE dwene me ho. Wone me boafoɔ ne me gyefoɔ, me Nyankopɔn, ntwentwɛn wo nan ase!


Na nyi w’ani nhunta w’akoa, na me ho dwane me, gye me so ntɛm.


Twe bɛn me kra, na bɛgye no, m’atamfoɔ nti gye me.


Me sufrɛ ama mabrɛ, me mene mu awe, mahwɛ me Nyankopɔn kwan ama m’ani abu.


Na me deɛ, meyɛ mmɔbɔ, na meyɛ ohiani. Onyankopɔn, yɛ ntɛm ma me. Wone me boafoɔ ne me gyefoɔ, AWURADE, ntwentwɛn wo nan ase.


Onyankopɔn, mma me ne wo ntam nnware, me Nyankopɔn, yɛ ntɛm bɛboa me.


Me kra ani gyina, ɛtɔ piti mpo, AWURADE adihɔ no nti, m’akoma ne me honam di ahurisie ma Onyankopɔn teasefoɔ.


Anidasoɔ a ɛkyɛre muba ma akoma yare, na anigyinadeɛ a ɛba mu yɛ nkwa dua.


Na Asamando rentumi nna wo ase, na owuo rentumi nkamfo wo. Wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no ntwɛn wo nokorɛ;


Na merenham menkɔsi daa, na me bo remfu daa, ɛfiri sɛ honhom no firi me hɔ, na me na mayɛ ahome.


Na mɛtwɛn AWURADE a ɔyi n’ani hunta Yakob fie no, na m’ani da ne so.


na ehu ne nnoɔma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no bɛma nnipa atotɔ bera; ɛfiri sɛ wɔbɛwoso ɔsoro ahoɔden.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios