Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 139:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Onyankopɔn, hwehwɛ me mu, na hunu m’akoma, sɔ me hwɛ, na hunu m’adwene,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Onyankopɔn, hwehwɛ me mu, na hunu m’akoma, sɔ me hwɛ, na hunu m’adwene,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Hwehwɛ me mu, Onyankopɔn, na hu me koma; sɔ me hwɛ, na hu mʼadwene.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Hwehwɛ me mu, Ao Onyankopɔn, na hunu mʼakoma; sɔ me hwɛ na hunu mʼadwene.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Onyankopɔn, hwehwɛ me mu, na hu me koma, sɔ me hwɛ, na hu m’adwene,

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 139:23
13 Referencias Cruzadas  

ɔnkari me nsaniakwanmu mu, na Onyankopɔn nhunu me mudie no.


AWURADE wɔ n’asɔrefie kronkron mu, AWURADE ahennwa wɔ soro, n’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛ kari wɔn hwɛ.


AWURADE sɔ ɔteneneeni hwɛ, na ɔbɔnefoɔ ne deɛ ɔpɛ amim deɛ, ne kra tane no.


AWURADE, wohwehwɛ me mu, na wohu me.


Sɛ wosɔ m’akoma hwɛ, na wohwehwɛ me mu anadwo, na wonane me yiyi mu, worenhunu hwee. Mabɔ me tirim sɛ meremma asɛmmɔne mfiri m’ano.


AWURADE, hwehwɛ me mu na sɔ me hwɛ, nane me sawa ne m’akoma.


Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika, na deɛ ɔsɔ akoma hwɛ ne AWURADE.


Nanso wo Asafo AWURADE a woyɛ ɔtemmufoɔ teneneeni, a wosɔ akoma ne adwene hwɛ, ma menhunu w’aweretɔ wɔ wɔn so, na wo na mede m’asɛm ahyɛ wo nsa.


Na mede nkyɛmu a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɛfa ogya mu, na manane wɔn sɛdeɛ wɔnane dwetɛ, na mayiyi wɔn mu sɛdeɛ wɔyiyi sika mu. Wɔbɛbɔ me din, na me nso mɛbua wɔn. Mɛka sɛ: Me man ne wɔn! Na wɔn nso aka sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn!


ɔde mana a wo nananom nnim maa wodii wɔ ɛserɛ so, sɛ ɔrebrɛ wo aseɛ na wasɔ wo ahwɛ, na awieeɛ no, wayɛ wo yie,


Na kae kwan a AWURADE wo Nyankopɔn maa wonantee so mfirinhyia aduanan yi ɛserɛ soɔ no nyinaa, sɛ ɔrebrɛ wo ase asɔ wo ahwɛ, na wahunu deɛ ɛwɔ w’akoma mu, sɛ wobɛdi ne mmara nsɛm so anaasɛ worenni so.


na wɔahunu mo gyidie tɔtorɔtɔɔ sɛ ne boɔ yɛ den pii sene sika, a wɔsɔ hwɛ ogya mu, nanso ɛsɛeɛ, ama ayeyie ne anidie ne animuonyam, Yesu Kristo ahoyie mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios