Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 136:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Deɛ ɔde nteaseɛ yɛɛ ɔsoro no, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Deɛ ɔde nteaseɛ yɛɛ ɔsoro no, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Ɔno na ofi ne ntease mu bɔɔ ɔsoro. Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɔno na ɔfiri ne nteaseɛ mu bɔɔ ɔsoro. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Nea ɔde nhumu yɛɛ ɔsoro no, na n’adɔe wɔ hɔ daa.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 136:5
11 Referencias Cruzadas  

Mfitiaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.


Na Onyankopɔn yɛɛ ahunumu ntrɛmu. Na ɔpaee nsuo a ɛwɔ ewiem no aseɛ ne deɛ ɛwɔ ewiem no soɔ no mu. Na ɛyɛɛ saa.


Na Onyankopɔn frɛɛ ewiem no ɔsoro. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so mmienu ne no.


AWURADE, sɛdeɛ wo nnwuma si dɔɔso fa, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔdeɛ ahyɛ asase so ma.


AWURADE a ɔyɛɛ ɔsoro ne asase no mfiri Sion nhyira mo.


AWURADE de n’asɛm na ɛyɛɛ ɔsoro, na ɔde n’anomu honhom yɛɛ emu asafo nyinaa.


ɔdasani ne hwan a wokae no, na onipa ba ne hwan a w’ani ku ne ho!


Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase, de ne nyansa maa wiase timm hɔ, na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsoro mu.


Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase de ne nyansa maa wiase timm hɔ, na ɔde ne nhunumu de ɔsoro trɛɛ hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios