Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 135:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Ɔma amununkum firi asase ano ba, ɔyɛ anyinam ma osutorɔ, ɔyi mframa firi ne korabea.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Ɔma amununkum firi asase ano ba, ɔyɛ anyinam ma osutorɔ, ɔyi mframa firi ne korabea.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔma omununkum ma ne ho so fi asase ano ba; ɔsoma anyinam ka osu ho na ɔma ahum tu fi ne koradan mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔma omununkum ma ne ho so firi asase ano ba; ɔsoma anyinam ka osutɔ ho na ɔma ahum tu firi nʼakoradan mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Ɔma omununkum fi asase ano ba, ɔyɛ anyinam ma osutɔ, oyi mframa fi ne korabea.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 135:7
15 Referencias Cruzadas  

Na nna pii akyiri no, afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, AWURADE asɛm baa Elia nkyɛn sɛ: Fa wo ho kɔkyerɛ Ahab, na mɛma osuo atɔ asase so.


Deɛ ɔma osuo tɔ asase soɔ, na ɔma nsuo ba wira mu,


na ɔka maa ahum kɛseɛ tui, na ɛmaa n’asorɔkyeɛ so.


ogya ne asukɔtweaa, sukyerɛmma ne huruhuro, ahum a ɛyɛ deɛ n’asɛm seɛ:


Ɔmaa apueeɛ mframa bɔe ɔsoro, na ɔde ne tumi twee anafoɔ mframa bae,


Ɔma ne nne so a, nsuo pii ba ɔsoro, na ɔma suwisie tu firi asase ano nohoa. Ɔyɛ anyinam ka osuo ho, ɔtu mframa firi n’adekorabea.


Amanaman ahoni no mu bi wɔ hɔ a wɔma osuo torɔ? Anaasɛ ɔsoro bɛtumi ama asuso atue? Ɛnyɛ wo, AWURADE yɛn Nyankopɔn? Wo na yɛhwɛ wo kwan, ɛfiri sɛ wo ara na woayɛ yeinom nyinaa.


Aprannaa bom a, ɔma nsu dodoɔ ba ɔsoro, na ɔma nsuwisie tu firi asase ano nohoa; ɔyɛ anyinam ka osuo ho, ɔtu mframa firi n’adekorabea hɔnom.


Na AWURADE maa mframa a ano yɛ den bɛbɔe wɔ ɛpo no so, na ahum kɛseɛ tui wɔ ɛpo no so, na ɛhyɛn no yɛɛ sɛdeɛ ɛrebɛbɔ.


Mommisa AWURADE hɔ osuo bereamporɔberɛ mu! AWURADE ma asraman paepae, na ɔbɛma osuo atɔ pii ama wɔn, na wɔn nyinaa anyinya mfuo mu nnuane.


Mframa bɔ kɔ faako a ɛpɛ, na wote ne nka, na wonnim faako a ɛfire ne faako a ɛrekorɔ. Saa ara nso na obiara a wɔawo no Honhom mu no teɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios