Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 135:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na AWURADE ayi Yakob afa, ɔde Israel ayɛ ne deɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na AWURADE ayi Yakob afa, ɔde Israel ayɛ ne deɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Awurade ayi Yakob sɛ ɔnyɛ ne de, wayi Israel sɛ nʼade a ɛsom bo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Awurade ayi Yakob sɛ ɔnyɛ ne deɛ, wayi Israel sɛ nʼadeɛ a ɛsom bo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na AWURADE apaw Yakob afa, ɔde Israel ayɛ ne de.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 135:4
15 Referencias Cruzadas  

mo, n’akoa Abraham asefoɔ, Yakob a ɔyii no no mma.


Nhyira ne nkurɔfoɔ a wɔn Nyankopɔn ne AWURADE, ne ɔman a wayi wɔn de ayɛ ɔno ara n’apɛgyadeɛ.


Na wo, m’akoa Israel, Yakob a mayi no, me dɔfo Abraham asefoɔ!


Yakob kyɛfa nte sɛ yeinom, ɛfiri sɛ nnoɔma nyinaa yɛfoɔ ne no, na Israel ne n’agyapadeɛ abusuakuo, asafo AWURADE ne ne din.


Na wɔbɛyɛ me deɛ, asafo AWURADE na ɔseɛ, ɛda a mɛyɛ yei no, wɔbɛyɛ me ara m’adeɛ, na mɛdodo wɔn ho sɛdeɛ obi dodo ne ba a ɔsom no ho.


Nanso wo nananom nko na AWURADE bata wɔn ho sɛ ɔbɛdɔ wɔn, na wayi wɔn asefoɔ a wɔdi wɔn akyire a ɛne mo, afiri aman nyinaa mu, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


Na AWURADE nso aka no wo ho nnɛ sɛ wobɛyɛ ɔno ara ne man, sɛdeɛ wahyɛ wo bɔ no, na woadi ne mmara nsɛm nyinaa so,


Na AWURADE kyɛfa ne ne man, Yakob ne n’agyapadeɛ a wɔasusu ama no.


Ɔno na ɔde ne ho maeɛ, maa yɛn, na wagye yɛn afiri mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ ɔno ara ne deɛ a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


Na mo deɛ, moyɛ abusua a wɔayi wɔn, ahene asɔfokuo, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara ne deɛ, sɛ monka deɛ ɔfrɛɛ mo firi esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwanwa mu no ayeyie nkyerɛ.


Na AWURADE din kɛseɛ no nti ɔrempa ne man, na ɛsɔ AWURADE ani sɛ ɔde mo bɛyɛ ne man;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios