Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 133:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Ɛte sɛ aboɔden ngo pa a wɔhwie guu Aaron apampamu, ɛsiane guu n’abɔgyesɛ mu, na ɛsiane guu n’atadeɛ mmuano so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Ɛte sɛ aboɔden ngo pa a wɔhwie guu Aaron apampamu, ɛsiane guu n’abɔdwesɛ mu, na ɛsiane guu n’atadeɛ mmuano so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛte sɛ ngo a ɛsom bo a wɔahwie agu apampam, na esian kogu bɔgyesɛ mu, esian kogu Aaron bɔgyesɛ mu, ma bi kogu nʼatade kɔn mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛte sɛ ngo a ɛsom bo a wɔahwie agu apampam, na ɛsiane kɔgu bɔgyesɛ mu, ɛsiane kɔgu Aaron bɔgyesɛ mu, ma ebi kɔgu nʼatadeɛ abakɔn so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Ɛte sɛ ngo pa a wɔahwie agu mpampam na esian gu bɔgyesɛ mu, Aaron bɔgyesɛ mu, esian fa ne ntade mmuano so.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 133:2
10 Referencias Cruzadas  

Ma ɔteneneeni mmɔ me na ɔnka m’anim adɔeɛ so, ɛyɛ tire so ngo a me tiri rempoɔ, nanso amumuyɛfoɔ ngo deɛ, mma no ngu me tiri so, na me mpaebɔ ara na ɛda so tia wɔn nsɛmmɔne.


Na mmuano no so no, wɔmfa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan nyɛ atoaa aba nsɛsoɔ ntwa ho nhyia, na sika nnɔnnɔmma nsensɛne ntam ntam nhyia.


na fa sra ngo hwie gu n’atifi fa sra no.


na fa yɛ aduhwam a wɔhyeɛ, adufrafoɔ nyansa so adufra a wɔaposa a ɛyɛ korɔgyenn ne kronkron.


Na wɔde bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan a wɔafira yɛɛ atoaa aba nsɛsoɔ wɔ batakari no mmuano so.


Ngo ne aduhwam ma akomatɔyam, saa ara na onipa adamfo atirimsɛmdie dɛ nso yɛ.


Wo sradehwam yi hwa pa, ngohwam a wɔahwie ne wo din, ɛno nti na mmabaa dɔ woɔ no.


Na ɔhwiee sra ngo no bi guu Aaron atifi sraa no ngo de yɛɛ no kronkron.


Ɛnna Maria faa ngo hwamhwam kronkron a ne boɔ yɛ den kariboɔ baako de bɛsraa Yesu nan ho, na ɔde ne tirinwi pepaa ne nan ho; na ngo no hwam yɛɛ ɛdan no mu ma.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios