Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 132:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 kɔsi sɛ mɛnya baabi mama AWURADE, tenabea bi ama Yakob tumfoɔ no ansa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 kɔsi sɛ mɛnya baabi mama AWURADE, tenabea bi ama Yakob tumfoɔ no ansa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 kosi sɛ menya baabi ama Awurade, baabi a nea ɔyɛ Otumfo ma Yakob No bɛtena.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 kɔsi sɛ menya baabi ama Awurade, baabi a Yakob Otumfoɔ no bɛtena.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 kosi sɛ menya baabi mama AWURADE, tenabea bi ama Yakob Tumfo no ansa.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 132:5
12 Referencias Cruzadas  

ne mu na wɔde mo nso resi akɔyɛ Nyankopɔn tenabea, honhom mu.


Na hwan mpo na ɔbɛtumi asi efie ama no? Na ɔsoro ne ɔsoro mu soro rentumi nkora no, na hwan ne me, sɛ mɛsi efie mama no, gye aduhwam a wɔhye no n’anim?


Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Salomo sɛ: Me deɛ, na ɛwɔ m’akoma mu sɛ mɛsi efie ama AWURADE me Nyankopɔn din,


Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔsoro yɛ m’adwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ; ɛdan bɛn na mobɛsi ama me, na ɛhe na me homebea wɔ?


na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mone Lewifoɔ mu agyanom atitire, mo ne mo nuanom nnwira mo ho, na momfa AWURADE Israel Nyankopɔn adaka no mmra deɛ masiesie mama no hɔ.


Na Dawid boaa Israel nyinaa ano bɛhyiaa Yerusalem sɛ wɔrekɔfa AWURADE adaka no de aba n’afa a wasiesie ama no no.


Na ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na nkantom ɛdan yi a masie yi!


Na wɔde AWURADE adaka no bae de bɛsii ne siberɛ, ntomadan a Dawid asi ama no no mu. Na Dawid bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ AWURADE anim.


Na ɔhene te ne fie na AWURADE maa no ɔhome firii n’atamfo nyinaa ho hyiaeɛ no,


Na ɛwɔ m’agya Dawid akoma mu sɛ anka ɔbɛsi ɛdan ama AWURADE Israel Nyankopɔn din.


Na Ɔhene Dawid sɔre gyinaa ne nan so kaa sɛ: Me nuanom ne me man, montie me! Me deɛ, na ɛwɔ m’akoma mu sɛ mɛsi homebea fie mama AWURADE apam adaka no, na ayɛ yɛn Nyankopɔn nan ntiasoɔ. Na masiesie ne sie no ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios