Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 124:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 anka nsuo amene yɛn, anka asubɔnten abɔ afa yɛn kra so,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 anka nsuo amene yɛn, anka asubɔnten abɔ afa yɛn kra so,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 anka nsuyiri no bebu afa yɛn so, anka ɔhweam no bɛtwe yɛn akɔ,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 anka nsuyire no bu faa yɛn so, anka ɔhweam no twee yɛn kɔeɛ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 anka nsu amene yɛn, anka asubɔnten abɔ afa yɛn kra so,

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 124:4
17 Referencias Cruzadas  

Anaasɛ wonhunu sum ne nsuo pii a akata wo soɔ?


Tene wo nsa firi soro nohoa, hwam me, na yi me firi nsuo akɛseɛ mu, firi ananafoɔ mma nsam.


Owuo nhoma bebaree me ho, na ɔsɛeɛ twi faa me so sɛ osuhweam.


Asamando nhoma twaa me ho kɔntɔnkrɔn, owuo afidie bɛhyiaa me.


Yei nti teeni biara mmɔ wo mpaeɛ da a ɔbɛhu woɔ no. Ampa ara, sɛ asu kɛseɛ yiri a, ɛremfa ɔyaa korɔ.


Ebunu frɛ ebunu, wo nsuo a ɛworo guo no gyegyeegye no mu, w’asorɔkyeɛ ne w’aworɔ nyinaa abu afa me so.


Adekyeeɛ bi AWURADE bɛyi n’adɔeɛ adi, na anadwo mato no dwom mabɔ me nkwa Nyankopɔn mpaeɛ.


Mma asuo a ayire no mmfa me, na mma ebunu mmmene me, na mma amena nnka me nnhyɛ mu mmmua n’ano.


Matɔ amena kuronkuron atɛkyɛ a gyinabea nni hɔ mu, maduru ebunu a nsuo bu kata me soɔ mu.


Hwɛ, AWURADE wɔ ɔhoɔdenfoɔ ne otumfoɔ bi, sɛ asukɔtweaa a ɛreguo, ahum a ɛsɛe adeɛ; ɔbɛka agu fam ahoɔden so sɛ osutɔ a ɛde nsuo bebree a ɛyɛ den a ɛsram soɔ ba no.


Na wɔbɛsuro AWURADE din afiri atɔeɛ, ne n’animuonyam afiri owia puebea, na ɔbɛba sɛ asuo a ano yɛ den a AWURADE ahum de reba.


Saa berɛ no akyiri no, wɔbɛtwa deɛ wɔasra no no atwene a ɛrenka no hwee; na ɔberempɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kuro ne kronkronbea no, na n’awieeɛ bɛyɛ nyirisramsoɔ mu, na akodie bɛduru awieeɛ, amamfoyɛ a wɔahyɛ pintinn no.


Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson no mu baako bae ne me bɛkasaa sɛ: Bra na menkyerɛ wo odwamamfoɔ kɛseɛ a ɔte nsuo pii no soɔ no atemmuo.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuo a wohunuiɛ a odwamamfoɔ no te soɔ no yɛ nkuro ne nkurɔfoɔ akuakuo ne aman ne kasa ahodoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios