Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 122:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Monsrɛ ma Yerusalem asomdwoeɛ, ɛnsi w’adɔfo yie.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Monsrɛ ma Yerusalem asomdwoeɛ, ɛnsi w’adɔfo yie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Monsrɛ asomdwoe mma Yerusalem se, “Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya bammɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Monsrɛ asomdwoeɛ mma Yerusalem sɛ, “Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya banbɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Monsrɛ mma Yerusalem asomdwoe, ensi w’adɔfo yiye.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 122:6
16 Referencias Cruzadas  

Na mɛhyira wɔn a wɔhyira woɔ, na wɔn a wɔdome woɔ no, mɛdome wɔn; na wo mu na wɔbɛhyira asase so mmusua nyinaa.


Na ɔman no akannifoɔ no te Yerusalem; na ɔman no nkaeɛ twee ntonto sɛ wɔde nnipa du mu baako bɛtena Yerusalem, kuro kronkron no mu, na baakron atenatena nkuro mu.


Na ɔman no hyiraa mmarima a wɔyii wɔn yam sɛ wɔrebɛtena Yerusalem no nyinaa.


Na Mordekai de mmara a wɔhyɛɛ no wɔ Susa sɛ wɔnsɛe wɔn no atwerɛ nhwɛsoɔ maa no, sɛ ɔmma Ester nhunu, na ɔnka nkyerɛ no, na ɔnhyɛ no sɛ ɔnkɔ ɔhene nkyɛn nkɔkoto nsrɛ no, na ɔnsrɛ wɔ n’anim mma ne man.


Ma no nyɛ wo fɛ sɛ wobɛyɛ Sion yie; to Yerusalem afasuo!


Na mommma no nnye n’ahome kɔsi sɛ ɔbɛtoto Yerusalem ama no asi hɔ ayɛ ayeyie wɔ asase soɔ.


Mo ne Yerusalem ani nnye, na monni ne ho ahurisie, mo a modɔ no nyinaa; mo ne ne ho nsɛpɛ mo, mo a modi ne ho abooboo nyinaa;


Na monhwehwɛ kuro a memaa wɔtuu mo kɔɔ hɔ no yiedie, na mommɔ AWURADE mpaeɛ mma no; na ne yiedie mu na mobɛdi yie.


Mo a moafiri mu afiri afena ano no, monnante nkɔ, monnnyina! Momfiri akyirikyiri nkae AWURADE, Yerusalem nso mmra mo akoma mu.


Ɔkoto, ɔbutu sɛ gyata ne gyatabereɛ, hwan na ɔbɛma no asɔreɛ? Nhyira ne wɔn a wɔhyira woɔ, na nnome ne wɔn a wɔdome woɔ.


sɛ wɔn nyinaa nyɛ baako, sɛdeɛ wo, Agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nyɛ baako wɔ yɛn mu, na wiase nnye nni sɛ wo na wosomaa me.


mommɔ mmɔden mfa asomdwoeɛ homa nkura honhom baakoyɛ mu.


Na ɔno asomdwoeɛ Awurade no ara mma mo asomdwoeɛ daa, adeɛ nyinaa mu. Awurade ne mo nyinaa ntena.


Yɛn deɛ, yɛnim sɛ yɛatwa mu afiri owuo mu akɔ nkwa mu, ɛfiri sɛ yɛdɔ anuanom. Deɛ ɔnni dɔ no te owuo mu.


me nso, ɛmpare me sɛ mɛgyae mo ho mpaebɔ de ayɛ AWURADE bɔne; na mɛkyerɛ mo kwan pa a ɛtene no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios