Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 119:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Wo na wode wo nsiesieeɛ ahyɛ yɛn sɛ yɛnni so koraa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Wo na wode wo nsiesieeɛ ahyɛ yɛn sɛ yɛnni so koraa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Woayɛ nkyerɛkyerɛ pa ato hɔ a ɛsɛ sɛ wodi so pɛpɛɛpɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Woayɛ nkyerɛkyerɛ pa ato hɔ a ɛsɛ sɛ wɔdi so pɛpɛɛpɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Wo na wode wo nsiesiei ahyɛ yɛn sɛ yenni so koraa.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 119:4
20 Referencias Cruzadas  

Na me, Ɔhene Artasasta, mahyɛ sikakorafoɔ a wɔwɔ asuogya no nyinaa sɛ adeɛ a Ɔsɔfoɔ Esra, ɔsoro Nyankopɔn mmara twerɛfoɔ no, bɛbisa mo no nyinaa wɔmmɔ mmɔden nyɛ,


Na Mose ne Aaron yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ wɔn no, saa ara na wɔyɛeɛ.


na mmom asɛm yi ho mmara na mehyɛɛ wɔn sɛ: Montie me, na mɛyɛ mo Onyankopɔn, na mo nso moayɛ me ɔman; na monnante me kwan a mahyɛ mo ho mmara nyinaa so, na awie mo yie.


Mene AWURADE mo Nyankopɔn, m’ahyɛdeɛ mu na monnanteɛ, na m’atemmudeɛ na monni soɔ na monyɛ,


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


Sɛ modɔ me a, monni m’ahyɛdeɛ so!


Deɛ ɔwɔ m’ahyɛdeɛ na ɔdi soɔ no, ɔno ne deɛ ɔdɔ me; na deɛ ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no.


Na sɛ motie me mmara nsɛm a mede merema mo nnɛ yi, sɛ mode mo akoma nyinaa bɛdɔ AWURADE mo Nyankopɔn na moasom no a,


Na sɛ mobɛdi mmara nsɛm a merehyɛ mo yi so ayɛ, na moadɔ AWURADE mo Nyankopɔn anante n’akwan nyinaa so na moabata ne ho a,


Asɛm a merehyɛ mo nyinaa, monhwɛ nni so; mfa bi nka ho na nyi bi nso mfiri mu.


na merehyɛ wo nnɛ sɛ: Dɔ AWURADE wo Nyankopɔn, nante n’akwan so, na di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ so, na woanya nkwa, na woadɔre, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, asase a worekɔ so akɔdi soɔ no so.


Na afei, Israel, tie ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a mekyerɛ mo sɛ monyɛ no, na moanya nkwa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo nananom Nyankopɔn de rema mo no.


Monhwɛ mo ho yie, na monhwɛ mo kra nso so yie, na mo werɛ amfiri nsɛm a mo ani ahunu no, na mo nkwa nna nyinaa mu amfiri mo akoma mu, na ma mo mma ne mo asefoɔ nhunu.


monni AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm ne n’adansesɛm ne n’ahyɛdeɛ a wahyɛ mo no so pɛpɛɛpɛ;


Enti, Israel, tie, na hwɛ yɛ, na asi wo yie, na woadɔɔso pii, sɛdeɛ AWURADE wo nananom Nyankopɔn ka kyerɛɛ woɔ no, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ no so.


Wo ho ara na ɛnyɛ den na yɛ nnam pa, na hwɛ di mmara a mehyɛɛ m’akoa Mose no nyinaa so; mfiri ho nkɔ nifa anaa benkum, na deɛ wobɛkorɔ nyinaa woadi yie.


Na yei ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yɛbɛdi n’ahyɛdeɛ soɔ, na n’ahyɛdeɛ no nyɛ den.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios