Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 118:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 AWURADE ne Onyankopɔn, wama hann ahyerɛn ama yɛn. Momfa dua mman ntwa afahyɛ asefoɔ no ho nhyia nkɔduru afɔrebukyia no mmɛn ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

27 AWURADE ne Onyankopɔn, wama hann ahyerɛn ama yɛn. Momfa dua mman ntwa afahyɛ asefoɔ no ho nhyia nkɔduru afɔrebukyia no mmɛn ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Awurade yɛ Onyankopɔn, na wama ne hann ahyerɛn yɛn so. Momfa nnua mman nkura na yɛnto afɔrebɔ santen nkɔ afɔremuka no mmɛn ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Awurade yɛ Onyankopɔn, na wama ne hann ahyerɛn yɛn so. Momfa nnua mman nkura na yɛnto afahyɛ santen nkɔ afɔrebukyia no mmɛn ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

27 AWURADE ne Nyankopɔn, wama hann ahyerɛn ama yɛn. Momfa nnubaa ntwa afahyɛ asefo no ho nhyia nkodu afɔremuka no mmɛn ho.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 118:27
17 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Elia twe pinii ɔman no nyinaa nkyɛn bɛkaa sɛ: Ɛnkɔsi da bɛn na mo adwene bɛyɛ mo ntanta? Sɛ AWURADE ne Onyankopɔn a, monni n’akyi: Sɛ Baal nso a, monni n’akyi! Na ɔman no ammua no asɛm biara.


Na ɔman no nyinaa hunuiɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam kaa sɛ: AWURADE, ɔno ne Onyankopɔn! AWURADE, ɔno ne Onyankopɔn!


Na wɔbobɔɔ AWURADE afɔdeɛ, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE, da no. Na adeɛ kyeeɛ no, wɔde anantwinini apem, adwennini apem, nnwan mma apem ne wɔn ho ahwiesa ne afɔdeɛ pii pa maa Israel nyinaa.


Yudafoɔ no nyaa nkwa ne anigyeɛ ne ahosɛpɛ ne anidie.


Na wo na woma me kanea derɛ, AWURADE me Nyankopɔn te me sum mu.


na wayi wo tenenee adi sɛ adekyeeɛ, ne wo bem sɛ owigyinaeɛ.


Na yɛ ne mmɛn sisi ne ntwea nnan so. Emu ara na ne mmɛn no mfire, na fa kɔbere mfrafraeɛ dura ho.


Na ɔyɛɛ ne mmɛn, ne mfatorɔ nnan no so, emu ara na na ne mmɛn no tuatua, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ duraa ho.


Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba, na AWURADE animuonyam apue wo so.


Ɔman a na wɔnam sum mu no, ahunu hann kɛseɛ, wɔn a na wɔte sum kabii asase soɔ no, hann ahyerɛn wɔn so.


Mɛsoa AWURADE abufuhyeɛ no, ɛfiri sɛ mayɛ no bɔne, de akɔsi sɛ ɔbɛham me ham ama me, na wabu atɛn ama me; ɔbɛyi me afiri aba hann mu; mɛhwɛ ne tenenee no.


Na mo a mosuro me din no, tenenee owia bɛpue ama mo a ayaresa wɔ ne ntaban aseɛ, na mobɛfiri adi ahurihuri sɛ anantwiburuwa a wɔadidi adɔ,


Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ: Mene wiase hann; deɛ ɔdi m’akyire no rennante sum mu da, na ɔbɛnya nkwa hann.


Enti momma yɛmfa ne so mmɔ Nyankopɔn ayeyie afɔdeɛ daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no.


Na mo deɛ, moyɛ abusua a wɔayi wɔn, ahene asɔfokuo, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara ne deɛ, sɛ monka deɛ ɔfrɛɛ mo firi esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwanwa mu no ayeyie nkyerɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios