Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 118:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Yei ne da a AWURADE ayɛ, momma yɛnni ahurisie, na yɛn ani nnye wɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

24 Yei ne da a AWURADE ayɛ, momma yɛnni ahurisie, na yɛn ani nnye wɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Nnɛ yɛ da a Awurade ayɛ. Momma yɛn ani nnye na yenni ahurusi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Ɛnnɛ yɛ ɛda a Awurade ayɛ. Momma yɛn ani nnye na yɛnni ahurisie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

24 Eyi ne da a AWURADE ayɛ, momma yenni ahurusi, na yɛn ani nnye wɔ mu.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 118:24
10 Referencias Cruzadas  

Da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔgyaa ɔman no kwan maa wɔkɔe; na wɔhyirahyiraa ɔhene, na wɔde papa a AWURADE ayɛ ama n’akoa Dawid ne ne man Israel nyinaa no ho anigyeɛ ne akoma pa sii mu kɔɔ wɔn afie mu.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔdi sradenam na monnom nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ, na momfa ebi nkɔma wɔn a wɔnsiesiee ebi mmaa wɔn no, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma yɛn AWURADE. Na mommma mo werɛ nnho mo ho, na AWURADE anigyeɛ ne mo ahoɔden.


Na wo fie dakorodie yɛ sene nna apem. Mepɛ me Nyankopɔn fie nammɔnnampan mu tena mmom sene sɛ mɛtena abɔnefoɔ ntomadan mu.


Sɛ wosianka wo nan homeda na me da kronkron no woanyɛ deɛ wo pɛ, na wofrɛ me homeda sɛ anigyedeɛ, ne AWURADE da kronkron no sɛ da a ɛsɛ anidie, na wodi no ni na woamfa wo ara w’akwan so, na woanyɛ deɛ wo ara wo pɛ, na woankeka nsɛm hunu a,


Na hwɛ, ɔboɔ a mede mato Yosua anim no, ɔboɔ baako so na aniwa nson guo. Hwɛ, ɛso na mɛkurukyire ne nkurukyireeɛ, asafo AWURADE asɛm nie, na mɛpepa asase yi amumuyɛ da koro.


Na nnawɔtwe mu da a ɛdi kan no a yɛhyiaa sɛ yɛrebubu paanoo no, Paulo kasa kyerɛɛ wɔn, ɛfiri sɛ adeɛ kye a, ɔbɛkɔ, na ɔtoaa asɛm no so ara kɔsii ɔdasuo mu.


Mewɔ honhom mu, Awurade da no, na metee nne kɛseɛ bi wɔ m’akyiri sɛ totorobɛnto


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios