Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 114:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛpo hunui, na ɛdwanee, Yordan sanee n’akyi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Ɛpo hunui, na ɛdwanee, Yordan sanee n’akyi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Po no hwɛe, na eguanee, Yordan san nʼakyi;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛpo no huruiɛ na ɛdwaneeɛ, Yordan sanee nʼakyi;

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Ɛpo hui, na eguanee, Yordan san n’akyi.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 114:3
11 Referencias Cruzadas  

w’animka nti ɛdwanedwanee, w’aprannaa nne nti na ɛyɛɛ ntɛm kɔeɛ,


Ɔteateaa Mmɛwa Po no maa no wee, na ɔde wɔn faa abunu mu sɛ anwea pradada so.


Wo na woyii nsuo ani ne asubɔnten, womaa asukɛseɛ a ɛsene daa wee.


Asuasu hunuu wo, Onyankopɔn, asuasu hunuu wo, na wɔbɔɔ binim, abunu nso wosowosoe.


Amununkum tɔɔ osuo bibibibi, ewiem tɔnn gyegyee, w’agyan nso pepaa anyinam,


Na Mose tenee ne nsa ɛpo no so. Na AWURADE de apueeɛ mframa denden maa ɛpo no kɔe anadwo no nyinaa, na ɔdanee po no maa no yɛɛ asase pɛsɛɛ, na nsuo no mu baee.


Na wo hwene mu ahome mu na nsuo no ano boaeɛ; asorɔkyeɛ gyinaa sɛ ekuo; abunu kyekyeree ɛpo yam.


Deɛ ɔmaa n’animuonyam basa no dii Mose nifa, deɛ ɔpaee nsuo mu, wɔn anim de gyee daa din faeɛ no?


Wode wo apɔnkɔ si po mu, nsuo pii a ɛhuro no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios