Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 114:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Israel firii Misraim, na Yakob fiefoɔ firii ananafoɔ man mu no,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Israel firii Misraim, na Yakob fiefoɔ firii ananafoɔ man mu no,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Bere a Israelfo fii Misraim, na Yakobfifo fii ananafo asase so no,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛberɛ a Israelfoɔ firii Misraim, na Yakob fiefoɔ firii ananafoɔ asase so no,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Israel fii Misraim, na Yakob fifo fii ananafo man mu no,

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 114:1
10 Referencias Cruzadas  

Na wɔnnim sɛ Yosef te, ɛfiri sɛ ɔkyeame na ɔdi wɔn ntam yi wɔn ano.


Ɔde adi adanseɛ, Yosef mu, ɛberɛ a ɔfirii adi faa Misraim asase soɔ, metee obi a menni no kasa.


Meyii ne mmatiri firii adesoa ase, ne ne nsa firii kɛntɛn ho;


Na da no ara AWURADE yii Israelfoɔ no firii Misraim asase so, sɛdeɛ wɔn asafo teɛ.


Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monkae da yi a mofirii Misraim firii nkoa fie mu no, ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii mo firii hɔ, na monnni mmɔreka paanoo.


Mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo Misraim asase so nkoafie mu no.


Na tempɔn bɛda hɔ afiri Asiria ama ne man nkaeɛ a wɔaka no, sɛdeɛ ɛdaa hɔ maa Israel, ɛda a wɔfiri Misraim asase so baeɛ no.


Hwɛ bosome Abib na di Twam ma AWURADE wo Nyankopɔn, ɛfiri sɛ bosome Abib mu na AWURADE wo Nyankopɔn yii wo firii Misraim anadwo.


Na AWURADE de nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu ne ahodwirideɛ akɛseɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yii yɛn firii Misraim bae.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios