Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 109:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Ma wɔnhye n’ase, ma wɔn din ngu awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ yi mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Ma wɔnhye n’ase, ma wɔn din ngu awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ yi mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Ma nʼase nhyew, na wɔn din nyera wɔ awo ntoatoaso a ɛreba no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Ma nʼase nhye, na wɔn din nyera wɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛreba no mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Ma wɔntɔre n’ase, ma wɔn din ngu awo ntoatoaso a edi so yi mu.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 109:13
17 Referencias Cruzadas  

Na ɔbɛdii hene na ɔtenaa ahennwa soɔ ara pɛ no, ɔkumm Baasa fiefoɔ nyinaa, obusuani oo, adamfo oo, wannya ɔbarima biara amma no.


Yudafoɔ hohiahiafoɔ Hamedata ba Haman ne mmammarima du no nso, wɔkunkumm wɔn, na fomfa adeɛ no deɛ, wɔamfa wɔn nsa anka.


Ne nkaeɛ bɛsɛe afiri asase so, na ɔrennya din asase ani.


Ɔrennya mma anaa mmanana ne man mu, n’aseni biara renka n’atenaeɛ.


Wobɛsɛe wɔn aba afiri asase so, ne wɔn asefoɔ afiri nnipa mma mu.


Sɛ wɔbɔ wo ho pɔ bɔne na wɔsusu bɔne bi ho a, wɔrentumi nyɛ.


ɛfiri sɛ AWURADE dɔ atɛntenenee, na ɔrennya n’ahotefoɔ. Ɔhwɛ wɔn so daa, na abɔnefoɔ asefoɔ deɛ, wɔbɛyi wɔn hɔ.


Ɔteneneeni nkaeɛ yɛ nhyira, na abɔnefoɔ din bɛporɔ.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Montwerɛ wɔ ɔbarima yi ho sɛ ɔyɛ deɛ ɔnni ba, ɔbarima a ɔrenni yie ne nna mu, na n’asefoɔ mu obiara a ɔbɛtena Dawid ahennwa soɔ na wadi Yuda so bio no, renni yie.


Adɛn nti na yɛn agya din mpepa mfiri n’abusua mu ɛnam sɛ ɔnni babarima nti? Ma yɛn agyapadeɛ yɛn agya ne nuanom mu.


Enti sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ma wo ɔhome firi w’atamfo a wɔatwa wo ho ahyia nyinaa nsa, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa tena soɔ no so a, pepa Amalek nkaeɛ firi asase so; mma wo werɛ mmfi.


AWURADE rempene mfa nkyɛ no, na ɛno de AWURADE abufuo ne ne ninkuntwe bɛpunu onipa ko no, na nseɛ a wɔatwerɛ no nwoma yi mu no nyinaa bɛduru no, na AWURADE bɛpepa ne din afiri asase so.


gyaa me ma mensɛe wɔn, na mempepa wɔn din mfiri asase so, na mede wo bɛyɛ ɔman a ɛyɛ den na ɛso sene wɔn.


Na maka makyerɛ no sɛ merebu ne fie atɛn akɔsi daa, amumuyɛ no nti, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne mma retwetwe mmusuo, na wanka wɔn anim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios