Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 103:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Ɔnsusu yɛn bɔne so ne yɛn nni, na ɔnhwɛ yɛn mfomsoɔ nhyɛ yɛn ananmu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Ɔnsusu yɛn bɔne so ne yɛn nni, na ɔnhwɛ yɛn mfomsoɔ nhyɛ yɛn ananmu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Ɔnhwɛ yɛn bɔne ne yɛn nni sɛnea ɛfata na ontua yɛn nnebɔne so ka sɛnea ɛte.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ɔrenhwɛ yɛn bɔne ne yɛn nni sɛdeɛ ɛfata na ɔrentua yɛn nnebɔne so ka sɛdeɛ ɛteɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Onsusuw yɛn bɔne so ne yɛn nni, na ɔnhwɛ yɛn mfomso nhyɛ yɛn ananmu.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 103:10
8 Referencias Cruzadas  

Na deɛ yɛn nneyɛɛ bɔne ne yɛn asodie kɛseɛ nti ɛbaa yɛn soɔ no nyinaa akyiri yi nso, wo, yɛn Nyankopɔn, woadi yɛn ho adɔna, woamma no annuru yɛn amumuyɛ so, na woama yɛafiri mu sɛdeɛ ɛteɛ yi,


Nanso wo mmɔborɔhunu bebree nti, woanwie wɔn ase hye, na woannyae wɔn, ɛfiri sɛ Onyankopɔn domfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ ne wo.


na ɔnka wo nyansa ahuntasɛm, sɛ emu dɔ yie, na hunu sɛ Onyankopɔn yi n’ani firi w’amumuyɛ no bi so.


na ɔto dwom kyerɛ nnipa sɛ: Mayɛ bɔne, na makyea deɛ ɛtene no, nanso ɔne me anni no sɛdeɛ ɛfata me.


AWURADE, sɛ wodi amumuyɛdeɛ akyiri a, hwan na anka ɔbɛgyina?


Ɛyɛ AWURADE adɔeɛyɛ nti na yɛnwiee sa, na ne mmɔborɔhunu to ntwae.


AWURADE, mate wo nka, masuro; O AWURADE, kanyan w’adwuma no wɔ yɛn berɛ yi mu; ɛberɛ yi mu na ma wɔnhunu; w’abufuhyeɛ mu kae mmɔborɔhunu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios