Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 102:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 M’akoma abo na akusa sɛ ɛfan, na m’ani apa m’aduanedie so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 M’akoma abo na akusa sɛ ɛfan, na m’ani apa m’aduane die so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Me koma abotow na akisa sɛ sare; na me kɔn nnɔ aduan.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Mʼakoma aboto na akusa sɛ ɛserɛ; na me kɔn nnɔ aduane.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Me koma abow na akisa sɛ fan, na m’ani apa m’aduan di so.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 102:4
21 Referencias Cruzadas  

Na ne fie mpanimfoɔ bɛgyinaa ne ho sɛ anka wɔbɛma ne so afiri fam; nanso wampene, na ɔne wɔn nso annidi.


Na Esra sɔre firii Nyankopɔn fie no anim, na ɔkɔɔ Eliasib ba Yohanan pia mu; na ɔkɔɔ hɔ no, wannidi, na nsuo nso wannom, ɛfiri sɛ ɔdii atukɔfoɔ no mfomsoɔ ho abooboo.


Me nkwa yɛ me kra nwunu, mɛgyaa m’apinisie mu wɔ me mu, mɛkasa m’awerɛhoɔ mu.


Me wedeɛ abiri rewae afiri me ho, na ahuhuro nti me nnompe ahye.


Na ne nkwa ma aduane fono no, na ne kra po akɔnnɔduane.


na Otumfoɔ agyan tuatua me mu, me honhom renom emu borɔ, Nyankopɔn ahuyideɛ atwa me ho mpasua.


Me nna te sɛ sunsum a ɛretwam, na me deɛ, mekusa sɛ ɛfan.


Na madi nso sɛ aduane, na mede esu mafra m’anonneɛ mu.


na ɛrenni da bi na wɔatwa wɔn agu sɛ ɛserɛ, na wɔakusa sɛ wura mono a wɔatwa.


ne me Nyankopɔn. Me kra aboto wɔ me mu, enti mekae wo, Yordan ne Hermon mmepɔ asase so, Misar bepɔ so.


Ahohora apɛkyɛ m’akoma, na abɔ me yadeɛ, na mehwɛ deɛ ɔrebɛma me due kwan a, obi mma, mehwehwɛ awerɛkyekyefoɔ a, menhunu bi.


Mekae Onyankopɔn a, mesi apini, medwene a, me honhom tɔ piti.


Nwira dwan, na nhwiren twam, na AWURADE home hu fa so. Ampa, ɔman no yɛ wira.


wama ne kotokuo mu agyan ahyɛne m’akoma mu.


Me kra kae daa, na abrɛ ase me mu.


Na nnansa na ɔnhunu adeɛ, nso ɔnnidi na ɔnnom.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios