Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 101:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Deɛ ɔhunta twiri ne yɔnko no, ɔno na mɛtwa no; ahantan ani ne akoma a ɛhoran merempene no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Deɛ ɔhunta twiri ne yɔnko no, ɔno na mɛtwa no; ahantan ani ne akoma a ɛhoran merempene no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Obiara a odi ne yɔnko ho nseku wɔ kokoa mu no, ɔno na mɛsɛe; nea ɔwɔ ahantan ani ne ahomaso koma, ɔno na merennyigye no so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Obiara a ɔdi ne yɔnko ho nsekuro wɔ kɔkoam no, ɔno na mɛsɛe; deɛ ɔwɔ ahantan ani ne ahomasoɔ akoma, ɔno na merennyegye ne so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Nea ohintaw twiri ne yɔnko no, ɔno na metwa no; ahantan ani ne koma a ɛhoran merempene no.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 101:5
25 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE wɔ sorosoro, na ɔhwɛ ahobrɛasefoɔ, na ahantanfoɔ deɛ, ɔhu wɔn wɔ akyirikyiri.


Ɔmfa ne tɛkyerɛma nni nsekuro, na ɔnyɛ ne yɔnko bɔne, na ɔmmɔ ne mfɛfoɔ ahohora.


Na wo na wogye ahobrɛasefoɔ, na wobrɛ ahantanfoɔ ase.


Wotena ase ka wo nua ho nsɛm, wo na ba mpo, wosopa no.


Nni wo yɔnko ho adansekurumu.


Ntie atesɛm hunu. Ɛne ɔbɔnefoɔ nnni nsawɔsoɔ sɛ wobɛdi nkontompo adanseɛ.


Deɛ ɔkata nitan soɔ no wɔ atorɔ ano, na deɛ ɔtwirie no yɛ ɔkwasea.


Deɛ ɔkyini di nsekuro no yi ahuntasɛm adi, enti mfa wo ho mmɔ deɛ ɔtrɛ n’anomu.


Ani a ɛtra ntɔn ne akoma a ɛhoran, mekyerɛ, abɔnefoɔ kwan no deɛ, ɛyɛ bɔne.


Atifi fam mframa de osuo ba, saa ara nso na ntwirie tɛkyerɛma de abufunimu ba.


Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ani tra wɔn ntɔn sɛ biribi, na wɔamema wɔn anisuatɛtɛ soɔ!


Nnipa ahantan ani bɛbrɛ ase, na mmarima ahomasoɔ ahwe fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no.


Nkontompofoɔ wɔ wo mu, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo, na mmepɔ so na wɔbɛhwie mogya aguo, na mmepɔ so na wɔdidie wɔ wo mu, na ahohoradeɛ na wɔyɛ no wo mfimfini.


Afei me, Nebukadnessar, mekamfo ɔsoro hene mema no so meyi no ayɛ, sɛ ne nneyɛɛ nyinaa yɛ nokorɛ, na n’akwan yɛ atɛntenenee, na wɔn a wɔnam ahantan soɔ no, ɔtumi brɛ wɔn ase.


Nkyini wo nkurɔfoɔ mu nni nsekuro; nsɔre ntia wo yɔnko mogya. Mene AWURADE.


Mese mo sɛ: Oyi de bem sane kɔɔ ne fie mmom sene ɔbaako no; na obiara a ɔma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no, wɔbɛma no so.


Na afei matwerɛ mo sɛ, sɛ obi a wɔfrɛ no onua yɛ odwamamfoɔ anaa oniberefoɔ anaa ɔbosonsonni anaa tɔkwapɛfoɔ anaa sabofoɔ anaa omimfoɔ a, mo ne no mmmɔ; saa onipa no, mo ne no nnnidi mpo.


Mmaa no nso anim nyɛ duru saa ara, wɔnnyɛ nsekubɔfoɔ, wɔn ani so nna hɔ, wɔnni ade nyinaa mu nokorɛ.


Mmerewa nso mmu wɔn bra sɛdeɛ ɛfata nnipa kronkron, wɔnnni nsekuro, wɔnnyɛ asadweam, wɔnkyerɛkyerɛ nsɛm pa,


Monnkasa ahantan kasa bebree saa, mommma asɛm denden mmfiri mo anomu, na AWURADE ne Onyankopɔn a ɔhunu adeɛ nyinaa, na ɔno na ɔkari nneyɛɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios