Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 6:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 na Yuda mu nnipa pii asuae akyerɛ no, ɛfiri sɛ Arah ba Sekania ase ne no, na ne ba Yohanan aware Berekia ba Mesulam babaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 na Yuda mu nnipa pii asuae akyerɛ no, ɛfiri sɛ Arah ba Sekania ase ne no, na ne ba Yohanan aware Berekia ba Mesulam babaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Efisɛ na Yudafo bebree aka ntam sɛ, wɔbɛsom no. Afei, na Tobia ase ne Arah babarima Sekania. Na Sekania babarima Yehohanan nso aware Berekia babarima Mesulam babea.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Ɛfiri sɛ, na Yudafoɔ bebree aka ntam sɛ, wɔbɛsom no. Afei, na Tobia ase ne Arah babarima Sekania. Na Sekania babarima Yehohanan nso aware Berekia babarima Mesulam babaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 na Yuda mu nnipa pii asua akyerɛ no, efisɛ Arah ba Sekania ase ne no, na ne ba Yohanan aware Berekia ba Mesulam babea.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 6:18
7 Referencias Cruzadas  

Na Hanania mma ne: Pelatia ne Yesaia, Refaia mma, Arnan mma, Obadia mma, Sekania mma.


Arah mma: Ahanson aduɔson nnum.


Ɔno so na Selemia ba Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf ba a ɔtɔ so nsia no, bɛtoaeɛ miamiaa esini a ɛtɔ so mmienu no mu. Ɔno so na Berekia ba Mesulam bɛtoaeɛ ne pia ntentensoɔ.


Wɔn nkyɛn mu na Hakkos ba Uria ba Meremot miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu nso na Mesesabel ba Berekia ba Mesulam miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu na Baana ba Sadok miamiaa mu.


Nso nna no mu no, Yuda mmapɔmma no mu pii manee Tobia nwoma, na Tobia nso deɛ baa wɔn nkyɛn,


Nso wɔbɛkaa ne nnwuma pa wɔ m’anim, na wɔkɔkaa me nsɛm nso kyerɛɛ no. Na nwoma no deɛ, Tobia de manee sɛ ɔde rebɛyi me hu.


Arah mma: Ahansia aduonum mmienu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios