Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 5:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na me ne me ho tuu agyina, na me ne mmapɔmma ne mpanimfoɔ no hamee, na mesee wɔn sɛ: Mfɛntom na mogyegye mo nuanom hɔ! Na mebɔɔ wɔn so dwa kɛseɛ,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na me ne me ho tuu agyina, na me ne mmapɔmma ne mpanimfoɔ no hamee, na mesee wɔn sɛ: Mfɛntom na mogyegye mo nuanom hɔ! Na mebɔɔ wɔn so dwa kɛseɛ,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Medwenee saa asɛm no ho, na mekasa tiaa atitiriw ne adwumayɛfo no. Meka kyerɛɛ wɔn se, “Monam nsiho a mugye fi mo ara mo nkurɔfo bosea a wɔbɔ so no hyɛ wɔn so.” Na mefrɛɛ ɔmanfo nhyiamu kaa ho asɛm.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Medwenee saa asɛm yi ho, na mekasa tiaa atitire ne adwumayɛfoɔ no. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monam nsiho a mogye firi mo ara mo nkurɔfoɔ bosea a wɔbɔ so no hyɛ wɔn so.” Na mefrɛɛ ɔmanfoɔ nhyiamu kaa ho asɛm.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na me koma tuu me agyina, na me ne mmakoma ne mpanyimfo no hamee, na misee wɔn sɛ: Mfɛntom na mugyigye mo nuanom hɔ! Na mebɔɔ wɔn so gua kɛse,

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 5:7
25 Referencias Cruzadas  

Ma ɔpempensifoɔ nsa nka deɛ ɔwɔ nyinaa, na ananafoɔ mfom n’adwumadeɛ.


O AWURADE, hwan na ɔbɛsoɛ wo ntomadan mu? Hwan na ɔbɛtena wo bepɔ kronkron soɔ?


Ɔmfa ne sika mma nnye nsiho, na ɔnnye deɛ ɔdi bem ho adanmudeɛ. Deɛ ɔyɛ yeinom no ɔrehinhim ara da.


Woaka sɛ: Monhwehwɛ m’anim, nti, m’akoma se wo sɛ: AWURADE, w’anim na merehwehwɛ.


Mo bo fu a, monnyɛ bɔne! Monkasa mo akoma mu wɔ mo daberɛ, na monyɛ komm.


Hwan na ɔbɛsɔre ne nnebɔneyɛfoɔ adi asie ama me? Hwan na ɔbɛgyina ne amumuyɛfoɔ adi asie ama me?


na m’abufuo ano ayɛ den, na mede nkrantɛ maku mo, na mo yerenom adanedane akunafoɔ, na mo mma ayeyɛ nwisiaa.


Sɛ wofɛm me man mu mmɔborɔni bi a ɔne wo wɔ hɔ sika a, ɛnyɛ no sɛ ɔpempensifoɔ; monnnye no nsiho.


Animka petee yɛ sene ɔdɔ a ahunta.


Wɔn a wɔgya mmara no yi ɔbɔnefoɔ ayɛ, na wɔn a wɔdi mmara soɔ no ne wɔn di aperepereɛ.


Wo mu na wɔgyegye adanmudeɛ, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo. Wogyegye mfɛmtomu ne nsiho, na wode apempensie fa wo yɔnko so, na me deɛ, wo werɛ afiri me, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Momma no nnɔɔso mma mo, Israel aberempɔn, monnyae amimdie ne nhyɛsoɔ, na monyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ, monnyae sɛ monam ɔhyɛ so gye nsase firi me nkurɔfoɔ hɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Monntwa atemmuo mu nkontompo. Nhwɛ mmɔborɔni anim, na nyɛ deɛ ɛbɛsɔ otumfoɔ ani; tenenee mu na bu wo yɔnko atɛn.


Nnye ne hɔ mfɛntomu, na nhuri ne ka a ɔde woɔ no, na suro wo Nyankopɔn, na wo nua nnya wo nkyɛn nkwa.


Na sɛ wantie wɔn nso a, kɔka kyerɛ asafo no. Na sɛ wantie asafo no nso a, ɛnneɛ bu no sɛ ɔbosonsonni ne togyeni.


Enti ɛfiri nnɛ yi, yɛnnim obiara honam fa mu; na sɛ yɛhunuu Kristo honam fa mu mpo a, afei deɛ yɛnnim no saa bio.


Na Kefa baa Antiokia no, megyinaa n’anim kasa tiaa no ɛfiri sɛ na wadi mfomsoɔ bi.


Wɔn a wɔyɛ bɔne no, yi wɔn atɛn wɔn nyinaa anim, na wɔn a aka no nso asuro.


Yeinom na fa tumi nyinaa ka, na tu ho foɔ, na yi ho atɛn. Mma obi mmmu wo animtia.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios