Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 5:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na ɔfasuo yi ho adwuma no nso, mesɔɔ mu, na yɛannye asase biara mpo, na m’asomfoɔ nyinaa ano bɛboae wɔ adwuma no ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na ɔfasuo yi ho adwuma no nso, mesɔɔ mu, na yɛannye asase biara mpo, na m’asomfoɔ nyinaa ano bɛboae wɔ adwuma no ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Mikum me ho maa ɔfasu no ho adwumayɛ, na mampɛ sɛ menya asase biara. Mehwɛɛ sɛ mʼadwumayɛfo nyinaa de wɔn bere bɛyɛ adwuma wɔ fasu no ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Mekum me ho maa ɔfasuo no ho adwumayɛ, na mampɛ sɛ mɛnya asase biara. Mehwɛɛ sɛ mʼadwumayɛfoɔ nyinaa de wɔn berɛ bɛyɛ adwuma wɔ ɔfasuo no ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na ɔfasu yi ho adwuma no nso, misoo mu, na yɛannye asase bi po, na m’asomfo nyinaa ano bɛboae adwuma no ho.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 5:16
11 Referencias Cruzadas  

Na akane amradofoɔ a wɔdii m’anim no yɛɛ ɔman no so adesoa, na wɔgyegyee wɔn hɔ aduane ne nsa, ɛsono dwetɛ nnwetɛbena aduanan nso. Wɔn asomfoɔ nso homm ɔman no so. Na me deɛ, Nyankopɔn ho suro nti, manyɛ saa.


Na Yudafoɔ ne mpanimfoɔ no mu ɔha aduonum ne wɔn a wɔfifiri yɛn ho amanaman mu ba yɛn nkyɛn no didii me pono so.


Ɛnna Mose bo fuu pii, na ɔka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Nnane w’ani nkyerɛ wɔn aduane afɔdeɛ. Mennyee wɔn nsam afunumu baako mpo, nso menyɛɛ wɔn mu biara bɔne bi.


Na asase pa mu deɛ no ne wɔn a wɔde akoma pa a ɛyɛ te asɛm no, na wɔde sie, na wɔnam boasetɔ mu so aba.


Wɔn a wɔde papayɛ mu boasetɔ hwehwɛ animuonyam ne anidie ne adeɛ a ɛmporɔ no, ɔbɛma wɔn daa nkwa.


Enti, me nuanom, adɔfo, montintim, monnhinhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, ɛfiri sɛ monim sɛ mo brɛ nyɛ kwa, Awurade mu.


Na mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa aba a, yɛbɛtwa so aba ne berɛ mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios