Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 4:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na me ne me nuanom ne m’asomfoɔ ne awɛmfoɔ a wɔdi m’akyire no, yɛanyiyi yɛn ntadeɛ, obiara kura n’akodeɛ wɔ ne nsa nifa mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Na me ne me nuanom ne m’asomfoɔ ne awɛmfoɔ a wɔdi m’akyire no, yɛanyiyi yɛn ntadeɛ, obiara kura n’akodeɛ wɔ ne nsa nifa mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Saa bere no, yɛn mu biara, sɛ ɛyɛ me anaa me fifo anaa mʼasomfo anaa awɛmfo a na wɔne me wɔ hɔ no anworɔw ne ntade da. Sɛ yɛrekɔpɛ nsu mpo a na yekurakura yɛn akode.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Saa ɛberɛ no, yɛn mu biara, sɛ ɛyɛ me anaa me fiefoɔ anaa mʼasomfoɔ anaa awɛmfoɔ a na wɔne me wɔ hɔ no anworɔ yɛn ntadeɛ da. Sɛ yɛrekɔpɛ nsuo mpo a na yɛkurakura yɛn akodeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Na me ne me nuanom ne m’asomfo ne awɛmfo a wodi m’akyi no, yɛanyiyi yɛn ntade, obiara kura ne dade.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 4:23
8 Referencias Cruzadas  

Nso berɛ no ara mu no, mesee ɔman no sɛ: Onipa biara ne ne somfo nna Yerusalem, na wɔnyɛ yɛn awɛmfoɔ anadwo ne adwumayɛfoɔ awia.


Na ɔman no ne wɔn yerenom nteamu kɛseɛ sɔre tiaa wɔn nuanom Yudafoɔ no,


Na ɔfasuo yi ho adwuma no nso, mesɔɔ mu, na yɛannye asase biara mpo, na m’asomfoɔ nyinaa ano bɛboae wɔ adwuma no ho.


Na mede Yerusalem hyɛɛ me nua Hanani ne Hanania, aban no mu safohene no nsa, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ ɔbarima nokwafoɔ a ɔsuro Onyankopɔn sene nnipa bebree,


nanso obi nsum ne yɔnko, wɔn nyinaa nenam wɔn atempɔn so, na sɛ wɔhwehwe akodeɛ ntam a, wɔmpira;


nanso Nyankopɔn adom nti na mete sɛdeɛ meteɛ yi; na n’adom a ɔde dom me no anyɛ kwa, na mmom meyɛɛ adwuma bebree mesene wɔn nyinaa, nanso ɛnyɛ me a, na mmom Nyankopɔn adom a ɛka me ho no a.


Deɛ anka apereperefoɔ team wɔ anomeeɛ no, ɛhɔ ara na wɔnkamfo AWURADE tenenee, ne nnisoɔ tenenee Israel mu. Ɛno na AWURADE man siane kɔɔ kuro no apono mu.


Ɛnna Abimelek foro kɔɔ Salmon bepɔ soɔ, ɔne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no nyinaa, na Abimelek faa akuma kuraa ne nsam na ɔkɔtwaa dua mman, na ɔmaa so bɔɔ ne kɔn ho, na ɔka kyerɛɛ ɛdɔm a wɔka ne ho no sɛ: Deɛ moahunu sɛ mayɛ yi, monka mo ho nyɛ sɛdeɛ mayɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios