Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 4:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na ɛbaa sɛ, Yudafoɔ a wɔtete wɔn ho no firi nkuro no nyinaa mu bɛka kyerɛɛ yɛn bɛyɛ mprɛdu sɛ: Wɔrepam yɛn ho apam bɔne.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na ɛbaa sɛ, Yudafoɔ a wɔtete wɔn ho no firi nkuro no nyinaa mu bɛka kyerɛɛ yɛn bɛyɛ mprɛdu sɛ: Wɔrepam yɛn ho apam bɔne.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Yudafo a na wɔte bɛn atamfo no bɛbɔɔ yɛn amanneɛ mpɛn bebree se, “Wobefi afanan nyinaa abɛtow ahyɛ yɛn so.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Yudafoɔ a na wɔtete bɛn atamfoɔ no bɛbɔɔ yɛn amaneɛ mpɛn bebree sɛ, “Wɔbɛfiri afanan nyinaa abɛto ahyɛ yɛn so.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na Yudafo a wɔtete wɔn ho no fi nkurow no nyinaa mu bɛka kyerɛɛ yɛn bɛyɛ mpɛn du sɛ wɔrepam yɛn ho apammɔne.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 4:12
7 Referencias Cruzadas  

Saa na medii wo fie mfirinhyia aduonu. Wo mmammaa baanu ho mesom wo mfeɛ dunan, ne wo mmoakuo ho nso mfeɛ nsia, na wodanee m’akatua ani mprɛdu.


na mo agya asisi me, adane m’akatua ani mprɛdu; nanso Onyankopɔn amma no kwan amma no anyɛ me bɔne biara.


Na yɛn ahohiahiafoɔ no kaa sɛ: Mommma wɔnnte na wɔnnhunu kɔsi sɛ yɛbɛduru wɔn mu akunkum wɔn ama adwuma no to atwa.


Ɛnna mede nnipa sisii aseɛ aseɛ hɔnom, ɔfasuo no akyi, deɛ ɛhɔ deda hɔ no, na mede ɔman no sisii sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, wɔkurakura wɔn nkrantɛ ne wɔn mpea ne wɔn tadua.


Mprɛdu nie a moasopa me, mo ani nwu mpo sɛ moho me werɛ?


Na nyansa ne nhunumu asɛm biara a ɔhene bisaa wɔn no, ɔhunuu wɔn sɛ wɔkyɛne nkonyaayifoɔ ne pɛadeahunufoɔ a wɔwɔ n’ahennie mu no nyinaa mprɛdu.


mmarima no a wɔhunuu m’animuonyam ne me nsɛnkyerɛnneɛ a meyɛɛ no Misraim ne ɛserɛ soɔ no a wɔasɔ me ahwɛ mprɛdu nie na wɔantie me nne no nyinaa,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios