Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 3:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Wɔn nkyɛn mu na Gibeonni Melatia ne Meronotni Yadon, Gibeon ne Mispa mmarima a wɔhyɛ asuogya amrado no aseɛ no miamiaa mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Wɔn nkyɛn mu na Gibeonni Melatia ne Meronotni Yadon, Gibeon ne Mispa mmarima a wɔhyɛ asuogya amrado no aseɛ no miamiaa mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔn a wodi wɔn so yɛ Melatia a ofi Gibeon, Yadon a ofi Meronot ne nnipa a wofi Gibeon ne Mispa a ɛyɛ amrado a ɔwɔ Asubɔnten Eufrate agya no atenae.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔn a wɔdi wɔn so yɛ Melatia a ɔfiri Gibeon, Yadon a ɔfiri Meronot ne nnipa a wɔfiri Gibeon ne Mispa a ɛyɛ amrado a ɔwɔ Asubɔnten Eufrate atɔeɛ fam no atenaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Wɔn nkyɛn mu na Gibeonni, Melatia ne Meronotni Yadon, Gibeon ne Mispa mmarima a wɔhyɛ asuogya amrado no ase no miamiaa mu.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 3:7
7 Referencias Cruzadas  

Ɛno nti ɔhene frɛɛ Gibeonfoɔ no. Nso na Gibeonfoɔ no mfiri Israelfoɔ mu, na mmom wɔyɛ Amorifoɔ nkaeɛ no bi, — na Israelfoɔ aka ntam akyerɛ wɔn sɛ wɔrenkum wɔn, nanso Saulo hwehwɛɛ sɛ ɔku wɔn wɔ mmɔden a wɔbɔ maa Israel ne Yudafoɔ no mu.


Na yoma so na Ismaelni Obil hwɛ, na mfunumu so na Meronotni Yehedia hwɛ.


Ɛnna Ɔhene Asa faa Yuda nyinaa, na wɔkɔsoaa Rama aboɔ ne nnua a Baasa de kyekyereeɛ no, na ɔde kyekyeree Geba ne Mispa.


Nwoma a wɔde kɔmaa ɔno Ɔhene Artasasta no nsususoɔ nie: — Wo nkoa a wɔwɔ asuogya ha fam, kyea wo.


Deɛ ɛtoa ne so na Yesua ba Eser, Mispa safohene, miamiaa esini a ɛka ho no mu, kokoam amiadeɛ dan ntwedeɛ no ntentensoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios