Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 2:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 na mesee ɔhene no sɛ: Ɔhene nkwa so kɔsi daa. Ɛdeɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ, sɛ kuro a m’agyanom adamena wɔ mu no ayɛ akurofo na wɔde ogya ahye n’apono no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 na mesee ɔhene no sɛ: Ɔhene nkwa so kɔsi daa. Ɛdeɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ, sɛ kuro a m’agyanom adamena wɔ mu no ayɛ akurofo na wɔde ogya ahye n’apono no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 nanso mibuae se, “Ɔhene nkwa so! Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ me werɛ how? Kuropɔn a wosiee me mpanyimfo wɔ mu no abubu, na wɔahyew nʼapon no nyinaa.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 nanso, mebuaa sɛ, “Ɔhene nkwa so! Adɛn enti na ɛnsɛ sɛ me werɛ hoɔ? Kuropɔn a wɔsiee me mpanimfoɔ wɔ mu no abubu, na wɔahye nʼapono no nyinaa.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 na misee ɔhene no sɛ: Ɔhene nya nkwa nkosi daa! Ɛdɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ, sɛ kurow a m’agyanom adamoa wɔ mu no ayɛ akurofo na wɔde ogya ahyew n’apon no.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 2:3
21 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Batseba bɔɔ ne mu ase de n’anim butuu fam kotoo ɔhene kaa sɛ: Me wura ɔhene nnya nkwa daa!


Na bosome a ɛtɔ so nnum da a ɛtɔ so nson a ɛne Babelhene Nebukadnessar afe a ɛtɔ so dunkron mu no, ankɔbeahene Nebusaradan, Babelhene akoa no baa Yerusalem,


Ɔdii mfeɛ aduasa mmienu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ nwɔtwe wɔ Yerusalem. Na ɔkɔe, na obi annyam no. Na wɔsiee no Dawid kuro mu, nanso ɛnyɛ ahemfo no adamena no mu.


Na Ahas tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Yerusalem kuro no mu; na wɔamfa no ankɔ Israel ahemfo asieeɛ. Na ne ba Hesekia bɛdii n’adeɛ.


Na Hesekia tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid mma asieeɛ deɛ ɛkorɔn, na Yuda ne Yerusalemfoɔ nyinaa dii no ni wɔ ne wuo mu. Na ne ba Manase bɛdii n’adeɛ.


Na wɔhyee Nyankopɔn fie no, na wɔdwirii Yerusalem fasuo no, na emu aban afɛfɛ nyinaa, wɔde ogya hyee, na emu afɛfɛdeɛ nyinaa sɛee.


Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Nnommum no nkaeɛ a wɔaka wɔ asase no soɔ no wɔ amaneɛ kɛseɛ ne ahohora mu, na Yerusalem afasuo no abubu, na n’apono nso, wɔde ogya ahye.


Na mefaa Bonhwa Pono no mu mefirii adi anadwo no mefaa ntweaseɛ nsuo aniwa no anim mekɔɔ Sumina Pono ano, na mehwɛɛ Yerusalem afasuo a abubuo ne n’apono a wɔde ogya ahyeɛ no.


na mɛyɛ dɛn na matumi ahwɛ bɔne a ɛbɛto me manfoɔ no? Na mɛyɛ dɛn na matumi mahwɛ me nkurɔfoɔ sɛeɛ?


Na wo nkoa wɔ n’aboɔ ho akoma, na wɔn yam hyehye wɔn, ne mfuturo ho.


Na amanaman bɛsuro AWURADE din, na asase so ahemfo nyinaa asuro w’animuonyam,


Sɛ mankae wo a, ma me tɛkyerɛma mfam me dodom, sɛ mankae wo a, sɛ mammu Yerusalem ankyɛne m’anigyeɛ nyinaa a…!


Na ahyehyekuro ayɛ m’asene mu ma, na ahoɔden bi nni me honam mu;


Na bosome a ɛtɔ so nnum, da a ɛtɔ so du a ɛne Babelhene Nebukadnessar afe a ɛtɔ so dunkron no mu, na Ankɔbeahene Nebusaradan a ɔgyina Babel hene anim no baa Yerusalem,


N’aponkɛseɛ amem fam, akyire adaban asɛe, na abubu. Ne hene ne ne mmapɔmma wɔ amanaman no mu, mmara no nni hɔ bio, n’adiyifoɔ nhunu AWURADE hɔ anisoadehunu.


Ɛnna Kaldeafoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene (wɔ Aramaik kasa mu) sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa! Ka wo daeɛ no kyerɛ wo nkoa, na yɛnkyerɛ aseɛ.


kyerɛɛ Ɔhene Nebukadnessar sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa!


Ɔhene ne n’aberempɔn nsɛm no nti ɔhemmaa baa apontoɔ dan no mu. Ɔhemmaa no kaa sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa! Mma w’adwene nnha wo na w’anim nnnane.


Ɛnna Daniel ne ɔhene no kasaa sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa!


Ɛnna aberempɔn ne amantam ahemfo no kɔtoaa ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔhene Dario nnya nkwa daa!


Na mɛgu mo nkuro mayɛ no amamfo na masɛe mo kronkronbea, na merennye mo aduhwam no hwa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios